Yesaia 14 - New Revised Asante Twi BibleBabel hene asehweɛ 1 Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wayi Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafoɔ de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fie ho. 2 Na aman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn tenabea, na Israel fie afa wɔn adi wɔn so AWURADE asase no so, ma wɔayeyɛ nkoa ne mfenaa, na wɔafa wɔn a na wɔyɛ nnommumfafoɔ nnommum, na wɔahom wɔn ahodwanfoɔ so. 3 Na ɛda a AWURADE bɛma wo ɔhome afiri wo yea ne w’ahoyera ne w’anyadie denden a wɔdii woɔ no mu no, 4 wode ɛbɛ yi bɛbu Babel hene aka sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na ɔhafoɔ no agyaeɛ, na ahodwan no to atwa yi? 5 AWURADE abubu abɔnefoɔ abaa ne ɔman sodifoɔ poma no mu; 6 ɔde abufuhyeɛ bobɔɔ aman ɔbɔ a ɛnnyaeɛ, ɔde abufuo hom amanaman so hyɛɛ wɔn ahometeɛ a emu ngoɔ. 7 Asase nyinaa so adwo, ayɛ komm; wɔma dwom so; 8 pepeaa nso nya wo ho anigyeɛ, ɛne Lebanon ntweneduro no, na ɛka sɛ: Sɛ woabrɛ wo ase nti, obiara remforo mma yɛn so mmɛbubu yɛn. 9 Asamando a ɛwɔ aseɛ no ka ne ho bɛhyia wo ba; ɛhwanyan nsamanfoɔ ma wo, wɔn a anka na wɔyɛ asase so akunini nyinaa; ɛma wɔn a anka wɔyɛ amanaman ahemfo nyinaa sɔresɔre firi wɔn ahennwa so. 10 Wɔn nyinaa gye so ka kyerɛ wo sɛ: Wo nso woahodwo sɛ yɛn ara! Woayɛ sɛ yɛn ara pɛ! 11 Wo kɛseyɛ asiane aba Asamando, wo mmɛnta nne no nso; w’ase kɛtɛ a wɔasɛ ne mmoaa birikabirika, na wo so nkatasoɔ ne nsonsono! 12 Ɛyɛɛ dɛn na wofiri ɔsoro ahwe aseɛ? Ao, Nsoromma Hyerɛnfoɔ, Adekyeeɛ ba! Wɔatwa wo ahwe fam, wo a wobrɛɛ amanaman aseɛ no. 13 Na wo deɛ, wokaa no w’akomam sɛ: Ɔsoro na mɛforo makorɔ, Nyankopɔn nsoromma no atifi na mɛma m’ahennwa so asie, na matena ahyiaeɛ bepɔ no so, atifi fam asasetifi ano nohoa tɔnn; 14 mɛforo akɔ mununkum sorɔnsorɔmmea, mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no. 15 Mmom Asamando na woresiane akɔ akɔduru Amena no ase tɔnn. 16 Wɔn a wɔhu woɔ no hwɛ wo haa de wɔn ani kari wo komm ka sɛ: Ɔbarima a ɔmaa asase wosoeɛ na ɔmaa ahennie hinhimiiɛ no nie anaa? 17 Deɛ ɔmaa wiase danee anwea pradada soɔ, na ɔdwiridwirii emu nkuro, na wannya emu nneduafoɔ kwan ankɔ fie no nie? 18 Amanaman ahemfo nyinaa, wɔn nyinaa deda hɔ animuonyam mu, obiara da ne damena mu; 19 na wo deɛ, wɔato wo afiri wo damena mu atwene sɛ duban a wɔapoɔ; sɛ atɔfoɔ a afena ahwire wɔn mu na wɔasiane kɔ aboɔ Amena mu no aduradeɛ, sɛ efunu a wɔatiatia ne soɔ. 20 Wɔremfa wo nka wɔn ho afunsie mu, ɛfiri sɛ woasɛe w’asase na woakunkum wo man. Wɔmmmɔ nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ din da biara da bio. 21 Wɔn agyanom amumuyɛ nti monsiesie akumiiɛ mma ne mma; na wɔansɔre amfa asase anni so, na wɔamfa nkuro anyɛ asase ani ma. 22 Na mɛsɔre matia wɔn, asafo AWURADE asɛm nie, na matwa din ne wɔn a aka, mma ne mmanana afiri Babel, AWURADE na ɔseɛ. 23 Na mede no bɛyɛ mpɛsɛ agyapadeɛ ne nsuo atareɛ, na mede ɔsɛeɛ praeɛ mapra no, asafo AWURADE asɛm nie. Asiriafoɔ ne Filistifoɔ ho atemmusɛm 24 Asafo AWURADE aka ntam sɛ: Ampa ara, sɛdeɛ mesusuiɛ no, saa na ɛbɛba mu, na sɛdeɛ mabɔ me tirim no, saa ara na ɛbɛgyina, 25 sɛ mɛbubu Asiriafoɔ m’asase so, na matiatia ne so, me mmepɔ so, na ne kɔnnua no bɛfiri wɔn so akɔ, na n’adesoa no afiri wɔn mmatiri so. 26 Ɛno ne ɛpɔ a wɔabɔ no asase nyinaa ho, ɛno ne nsa a wɔatene no amanaman nyinaa soɔ. 27 Na asafo AWURADE abɔ ne tirim, hwan na ɔbɛma no ayɛ ɔkwa? Na ne nsa atene, hwan na ɔbɛsianka no? 28 Afe a Ɔhene Ahas wuiɛ no mu na nkɔmhyɛ yi baeɛ: 29 Nni ahurisie, wo Filistia nyinaa, sɛ abaa a ɛhwee woɔ no abu, na ɔwɔ nhini no mu na ɔkyerebene bɛfiri aba, na ne ba nso ayɛ ogya ɔwɔ a ɔtuo. 30 Na ahiafoɔ mmakan bɛdidi, na ahiafoɔ nso adeda hɔ dwoodwoo, na mede ɛkɔm bɛkum wo nhini, na w’akyikafoɔ nso, mɛma wɔatotɔ. 31 O, Kuro pono, twa adwo; kurokɛseɛ, team ɛ; O wo, Filistia nyinaa, ma w’akoma ntu; ɛfiri sɛ wisie firi atifi fam aba, na n’asafo mu biara nka akyire. 32 Na asɛm bɛn na wɔde bɛbua ɔman no abɔfoɔ? Sɛ AWURADE de Sion atim, na ne man mu amanehunufoɔ de wɔn ho to ne so. |
The Bible Society of Ghana, 2012