Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 13 - New Revised Asante Twi Bible


Babel ho atemmusɛm

1 Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie:

2 Monsi frankaa bepɔ petee so, momma mo nne so mma wɔn; monhinhim mo nsa, na wɔnhyɛne mmapɔmma apono mu.

3 Me, mahyɛ me kronkronfoɔ, mafrɛ me nnɔmmarima nso sɛ wɔnkyerɛ m’abufuo, wɔn a wɔdi me kɛseyɛ ho ahurisie no.

4 Asafo yuu gyegyeegye wɔ mmepɔ so sɛdeɛ nkurɔfoɔ bebree deɛ teɛ no: Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ano, ahennie ahodoɔ huuyɛ gyegyeegye, asafo AWURADE reboaboa dɔm ano ama ɔsa.

5 Wɔfiri akyirikyiri asase so ne ɔsoro ano reba, AWURADE ne n’abufuhyeɛ akodeɛ no, sɛ ɔrebɛsɛe asase nyinaa.

6 Montwa adwo, na AWURADE da no abɛn; ɛreba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.

7 Enti nsa nyinaa mu bɛgo, na ɔdasani biara akoma bɛnane;

8 na wɔn ho bɛdwiri wɔn, nketenkete ne awerɛhoɔ bɛkuta wɔn, wɔbɛhunu yea sɛ ɔwofoɔ a ɔreko awoɔ. Wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa, wɔn anim bɛyɛ sɛ ogyaframa anim.

9 Hwɛ, AWURADE da no reba, atirimuɔden ne anibereɛ ne abufuhyeɛ so, sɛ ɔrebɛdane asase afo, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfoɔ afiri so.

10 Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia bɛduru sum n’adifire mu, na ɔsrane nso renharan.

11 Na mɛba mabɛtwe wiase aso wɔ ne bɔne ho, ne abɔnefoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ ho, na mama ahantanfoɔ ahomasoɔ no to atwa, na ahokyerɛfoɔ ahokyerɛ abrɛ ase;

12 mɛma ɔdasani ho ayɛ na asene sika amapa, na onipa asene Ofir sika kɔkɔɔ.

13 Enti mɛma ɔsoro awoso, na asase ahinhim afiri ne sibea, asafo AWURADE abufuferɛ no ano ne n’abufuhyeɛ da no nti.

14 Na wɔbɛdanedane wɔn ho akɔ wɔn nkurɔfoɔ nkyɛn na wɔadwanedwane akɔ wɔn nsase so sɛ ɔwansane a wɔatutu no, ne nnwan a obi mmoa wɔn ano.

15 Obiara a wɔbɛhu no no, wɔbɛhwire ne mu, na obiara a wɔbɛkye no no, bɛtɔ nkrantɛ ano;

16 na wɔbɛposa wɔn mmotafowa, wɔ wɔn anim, wɔbɛfomfom wɔn afie afa, na wɔabobɔ wɔn yerenom adapaa.

17 Hwɛ, merehwanyan Mediafoɔ atia wɔn, nnipa a wɔmmu dwetɛ, na sika nso, wɔnhwehwɛ;

18 wɔn agyan bɛbobɔ mmeranteɛ, wɔn yam nhyehye wɔn ɔyafunum mma mpo ho, na wɔn ani nhunu mmɔfra mmɔbɔ.

19 Na Babel a ɛyɛ ahennie mu kunini, ne Kaldeafoɔ kɛseyɛ animuonyam no, ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuo a Onyankopɔn butuu wɔn no.

20 Obi rentena mu da biara da, na obi renkɔtena hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu, na Arab atutenani biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ, na nnwanhwɛfoɔ nso remma wɔn mmoa mmutu hɔ;

21 na ɛserɛ so mmoa na wɔbɛda hɔ, na mpatuo bɛyɛ wɔn adan amaama, na nsohori nso bɛtena hɔ, na nsasabonsam asa hɔnom;

22 na nkuntumpaa bɛsu n’aban mu, na ɛserɛ so kraman nso anigyeɛ aban no mu. Na ne berɛ abɛn a ɛreyɛ aba, na ne nna renkyɛre bio.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan