Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 12 - New Revised Asante Twi Bible


Nkwagyeɛ so aseda dwom

1 Ɛda no na wobɛka sɛ: Meda wo ase, Ao AWURADE, sɛ wo bo fuu me mpo a, w’abufuo no asane, na woakyekyere me werɛ.

2 Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ. Mɛtwere no, na mensuro, na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.

3 Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura no mu.

4 Na da no mobɛka sɛ: Monna AWURADE ase; mommɔ ne din. Momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so!

5 Monto ayeyie dwom mma AWURADE, na wayɛ adeɛ akɛseɛ; momma wɔnhunu yei asase nyinaa so.

6 Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion, na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan