Yeremia 52 - New Revised Asante Twi BibleWɔfa Yerusalem 1 Sedekia dii mfeɛ aduonu baako na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem, na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia ba a ɔfiri Libna. 2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no ara. 3 Na AWURADE abufuo nti, ɔtoo Yerusalem ne Yuda firii n’anim guiɛ. Na Sedekia tee Babel hene anim atua. 4 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, da a ɛtɔ so du no, Babelhene Nebukadnessar, ɔno ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛkyeree so nsraban, na wɔtotoo ho epie hyiae. 5 Na wɔtuaa kuro no kɔsii Ɔhene Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no mu. 6 Bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nkron no, ɛkɔm no mu yɛɛ den kuro no mu, na aduane biara nni hɔ ma asase no so nkurɔfoɔ no. 7 Ɛnna wɔtuu kuro no fasuo mu hyɛnee mu, na mmarima akofoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo faa ɔponkɛseɛ no mu, afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam kɔe, nso na Kaldeafoɔ atwa kuro no ho ahyia, na wɔfaa Yordan bonhwa kwan so kɔe. 8 Na Kaldeafoɔ dɔm tii ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko mpaperɛ so, na ne dɔm nyinaa firii ne ho petee. 9 Na wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babel hene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase soɔ no, na ɔbuu no atɛn. 10 Na Babel hene kumm Sedekia mmammarima n’anim, na ɔkunkumm Yuda mmapɔmma nyinaa nso wɔ Ribla. 11 Na ɔbɔɔ Sedekia ani, na ɔmaa wɔguu no kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu, na Babel hene de no kɔɔ Babel, na ɔde no hyɛɛ awɛmfoɔ dan mu kɔsii ne wuda. 12 Na bosome a ɛtɔ so nnum, da a ɛtɔ so du a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunkron no mu, na Ankɔbeahene Nebusaradan a ɔgyina Babel hene anim no baa Yerusalem, 13 na ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, afie akɛseɛ nyinaa, ɔde ogya hyee. 14 Na Kaldeafoɔ dɔm a wɔne ankɔbeahene baeɛ no nyinaa dwirii Yerusalem afasuo no nyinaa hyiae. 15 Na ɔman no mu ahiafoɔ no mu bi ne nkurɔfoɔ no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu, ne awaefoɔ a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn no, nkurɔfoɔ yuu no mu nkaeɛ no, Ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe. 16 Nanso Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa asase no so ahiafoɔ no bi, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfoɔ ne akuafoɔ. 17 Na kɔbere mfrafraeɛ adum a ɛwowɔ AWURADE fie ne nsugyeɛ nnaka ne kɔbere mfrafraeɛ po a ɛwɔ AWURADE fie no, Kaldeafoɔ no bubuu mu, na wɔsoaa kɔbere mfrafraeɛ no nyinaa kɔɔ Babel. 18 Na nsenaa ne sesa adeɛ ne adumgya ne nkoraa ne nyowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nnoɔma a wɔde yɛ ɔsom adwuma no nyinaa, wɔfae, 19 na nyaawa ne nsramma kukuwa, ne nkoraa ne nsenaa ne kanea nnua ne nyowaa ne nkuruwa no, deɛ ɛyɛ sika no sika ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, ankɔbeahene no fa kɔe. 20 Adum mmienu no, ɛpo baako no, kɔbere mfrafraeɛ anantwie dummienu a ɛwɔ aseɛ no, nsugyeɛ nnaka a Ɔhene Salomo yɛ maa AWURADE fie no, nnoɔma yi nyinaa kɔbere mfrafraeɛ no, wɔantumi ankari. 21 Adum no, baako korɔn yɛ basafa nkron, na basafa nsia homa twa ho hyia, na emu pipiripie yɛ nsateaa nnan, na ɔkwan da mu. 22 Na ɛso duntire nso yɛ kɔbere mfrafraeɛ, na oduntire no korɔn yɛ basafa mmienu ne fa, na ntentan ne atoaa aba wowɔ oduntire no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ, na odum a ɛtɔ so mmienu no ho wɔ ɛno ara bi ne atoaa aba. 23 Na atoaa aba a ɛsensɛne mframa ano no yɛ aduɔkron nsia, na atoaa aba a ɛwowɔ ntentan no ho hyia no nyinaa yɛ ɔha. 24 Na ankɔbeahene no faa ɔsɔfoɔ titire Seraia ne ɔsɔfoɔ a ɔdi soɔ Sefania ne apono ano ahwɛfoɔ baasa, 25 na kuro no mu nso, ɔfaa opiani baako a wɔde no asi akofoɔ no soɔ, ne wɔn a wɔne ɔhene tu agyina no mu mmarima baason a ɔhunuu wɔn kuro no mu, ne ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfoɔ kɔ ɔsa no twerɛfoɔ, ne asase no so nkurɔfoɔ mu mmarima aduosia a ɔhunuu wɔn kuro no mu no, 26 na Ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔɔ Babel hene nkyɛn wɔ Ribla. 27 Na Babel hene no bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn Ribla a ɛwɔ Hamat asase soɔ no. Saa na wɔtuu Yuda firii n’asase so kɔeɛ. 28 Yei ne ɔman no mu nnipa dodoɔ a Nebukadnessar tuu wɔn kɔeɛ no, afe a ɛtɔ so nson no mu no, Yudafoɔ mpensa aduonu mmiɛnsa; 29 Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu no, Yerusalem nnipa ahanwɔtwe aduasa mmienu; 30 Nebukadnessar afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no mu no, Ankɔbeahene Nebusaradan tuu Yudafoɔ ahanson aduanan nnum kɔe, nnipa no nyinaa yɛ mpemnan ahansia. Wɔdom Ɔhene Yehoiakyin 31 Na Yudahene Yehoiakyin tukorɔ so afe a ɛtɔ so aduasa nson mu, bosome a ɛtɔ so dummienu, da a ɛtɔ so aduonu nnum no, Babelhene Ewil-merodak, afe a ɔbɛdii mu hene no, ɔmaa Yudahene Yehoiakyin tiri so, na ɔyii no firii nneduafoɔ dan mu, 32 na ɔne no kasaa kasa pa, na ɔmaa n’adwa kyɛnee ahemfo a wɔne no wɔ Babel no adwa nyinaa. 33 Na ɔmaa no yii ne duamda ntadeɛ no, na ɔdidii wɔ n’anim daa daa, ne nkwa nna nyinaa. 34 Na deɛ wɔde ato hɔ sɛ wɔmma no daa no, a ɛfiri ɔhene nkyɛn na wɔde ma no, ɛda biara ne ne deɛ, wɔde maa no ne nkwa nna nyinaa de kɔsii ne wuda. |
The Bible Society of Ghana, 2012