Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 50 - New Revised Asante Twi Bible


Babel ahweaseɛ

1 Asɛm a AWURADE nam Odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babel ne Kaldeafoɔ asase ho nie:

2 Monka no amanaman mu, momma wɔnte na monsi frankaa, momma wɔnte, na mommfa nsuma, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwuo, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔahyɛ n’ahoni aniwuo, wɔayɛ n’abosom pasaa.

3 Na ɔman bi firi atifi fam retu ne so sa; wɔn na wɔbɛyɛ n’asase no amamfo a obiara rentena soɔ, nnipa ne mmoa nyinaa bɛtu akɔ.

4 Nna no mu, ne berɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, Israel mma bɛba, wɔne Yuda mma bɛbom aba, wɔde ɔnantesu bɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.

5 Wɔbɛbisa Sion akyiri kwan, ɛhɔ na wɔn ani kyerɛ, aka sɛ: Mommra mma yɛnkɔfam AWURADE ho, wɔ daa apam a yɛn werɛ remfire mu.

6 Me man adane nnwan a wɔayera, wɔn ahwɛfoɔ ama wɔafomfom kwan adanedane kɔ mmepɔ so; wɔafiri bepɔ so kɔ kokoɔ so, wɔn werɛ afiri wɔn daberɛ.

7 Wɔn a wɔto wɔn nyinaa tete wɔn mu, na wɔn ahohiahiafoɔ ka sɛ: Yɛnni fɔ! ɛsiane sɛ wɔayɛ AWURADE, tenenee tenabea ne wɔn agyanom anidasoɔ AWURADE no bɔne.

8 Monnwane mfiri Babel, na momfiri Kaldeafoɔ asase so nkɔ, na monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwan anim.

9 Na hwɛ, me na mɛnyane amanaman akɛseɛ asafo ama wɔafiri atifi fam asase so atu Babel so sa, na wɔatwa ne ho mpasua, ɛhɔ na wɔbɛfiri afa no; wɔn agyan te sɛ dɔmmarima a waben, ɔnsane n’akyiri kwa.

10 Na Kaldeafoɔ bɛdane asadeɛ, wɔn a wɔbɛfom no afa nyinaa bɛmeemee, AWURADE asɛm nie.

11 Ɛfiri sɛ mo ani gyee, na modii ahurisie, mo a mofomm m’agyapadeɛ no, na moduabo sɛ nantwiburuwa, ɛserɛ mono mu, na mosuu sɛ apɔnkɔ akunini.

12 Mo na ani awu pa ara, mo wofoɔ anim agu ase: Hwɛ, ɔbɛyɛ amanaman mu kyirikafoɔ, ɛserɛ, nkyɛkyerɛ ne anwea pradada so.

13 AWURADE abufuhyeɛ nti obiara rentena hɔ, na ne nyinaa bɛdane amamfo koraa; obiara a ɔtwam Babel ho no ho bɛdwiri no, na wabɔ n’amanehunu no nyinaa ho hwerɛma hwee hwee.

14 Mommae mu ntwa nhyia Babel ho, mo a mokuntunu tadua mu nyinaa; montoto no, monnodo agyan ho, ɛfiri sɛ wayɛ AWURADE bɔne.

15 Mommɔ ne so ose nhyia. Ɔde ne ho ama, ne nnyinasoɔ ahwehwe ase, n’afasuo adwiri, na AWURADE aweretɔ ne no. Montɔ mo were ne so, monyɛ no sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.

16 Montwa ogufoɔ mfiri Babel, ne deɛ ɔsɔ kantankrankyi mu twaberɛ mu no. Atirimuɔden afena no anim na wɔbɛdanedane akɔ wɔn manfoɔ mu, na wɔadwanedwane akɔ wɔn asase so.

17 Israel yɛ odwanten a wayera a agyata apam no korɔ; akane no, Asiriahene na ɔtetee ne mu, na akyire yi, ne nnompe mpo, Babelhene Nebukadnessar abubu mu.

18 Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, mereba mabɛtwe Babel hene ne n’asase aso, sɛdeɛ meba bɛtwee Asiriahene no aso no,

19 na mede Israel asane aba n’asase so, na wabɛdidi Karmel ne Basan, na ne kra amee, Efraim bɛpɔ so ne Gilead.

20 Nna no mu, ne berɛ no mu, AWURADE asɛm nie, na wɔbɛhwehwɛ Israel amumuyɛ, nso na ɛnni hɔ, ne Yuda bɔne, na wɔrenhunu, na mede bɛfiri wɔn a memaa wɔkaeɛ no.


Merataim ho atemmusɛm

21 Tu Merataim asase no ne Pekod nkurɔfoɔ no so sa. Kum wɔn, na sɛe wɔn pasaa, AWURADE asɛm nie, na yɛ sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no nyinaa.

22 Akodie gyegyeegye ne ɔsɛeɛ kɛseɛ wɔ asase no so.

23 Sɛdeɛ wɔasi atwitwa, na wɔabubu asase nyinaa asaeɛ no, sɛdeɛ Babel asi adane amamfo amanaman mu ne no!

24 Masum wo fidie na ayi wo nso, Babel, na wo deɛ, woanhunu; wɔahu wo akyere wo nso, ɛfiri sɛ wo ne AWURADE na adi aperepereɛ.

25 AWURADE ahini n’akoradeɛ dan, na wayi n’abufuhyeɛ akodeɛ, ɛfiri sɛ asafo AWURADE Nyankopɔn wɔ adwuma bi yɛ wɔ Kaldeafoɔ asase so.

26 Momfiri ano nohoa mmra ne so, monhini n’asan, monsesa ngu hɔ sɛ ayuo akuakuo, na monsɛe no pasapasa, mommma biribiara nnka mmma no.

27 Monkunkum n’anantwinini nyinaa; momma wɔnsiane nkɔ okum mu. Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔn da, wɔn asotwe berɛ adu.

28 Wɔte adwanefoɔ ne wɔn a wɔafiri mu afiri Babel asase soɔ nne, na wɔbɛka AWURADE yɛn Nyankopɔn aweretɔ, n’asɔrefie ho aweretɔ wɔ Sion hɔ.

29 Momfrɛ agyantofoɔ nkɔtoa Babel, wɔn a wɔkuntunu tadua mu nyinaa, monkyere ne ho nsraban nhyia. Mommma obiara mmfiri mu mmfi. Monsusu ne nneyɛɛ so nsi no ananmu, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, monyɛ no saa ara, ɛfiri sɛ wayɛ AWURADE, Israel Kronkronni no so ahantansɛm.

30 Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ ne mmorɔno so, na n’akofoɔ nyinaa bɛdwerɛ ɛda no, AWURADE asɛm nie.

31 Ɔhantanni, hwɛ, me ne wo na anya, asafo AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ɛfiri sɛ wo da, w’asotweberɛ adu.

32 Na ahantanni no bɛsunti ahwe ase, na obiara nni hɔ a ɔbɛma no soɔ; na masɔ ne nkuro mu gya, na ahye atwa ne ho nyinaa ahyia.

33 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔhom Israel mma ne Yuda mma nyinaa so, na wɔsosɔɔ wɔn a wɔafa wɔn nnommum nyinaa mu, wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn.

34 Wɔn pɔnfoɔ no nso ho yɛ den, asafo AWURADE ne ne din; die na ɔne wɔn ho asɛmpɛfoɔ no bɛdie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wama asase no ahome, na wahyɛ Babelfoɔ ahometeɛ.


Afena ho atemmusɛm

35 Afena wɔ Kaldeafoɔ so, AWURADE asɛm nie, ne Babelfoɔ so, ne wɔn mmapɔmma ne wɔn anyansafoɔ so.

36 Afena wɔ akɔmfoɔ atorofoɔ no so, na wɔadanedane nkwasea. Afena wɔ wɔn nnɔmmarima so, na wɔn akoma atu na wɔakunkum wɔn.

37 Afena wɔ wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam ne asraafoɔ afrafrafoɔ a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa so, na wɔadanedane mmaa; afena wɔ n’akoradeɛ so na wɔafom afa.

38 Ɛweɛ wɔ ne nsuo so na awewe, ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni asase, na wɔbobɔ abosom a ɛyɛ hu ho dam.

39 Ɛno nti ɛserɛ so mmoa ne nkuntumpaa bɛtena hɔ, na nsohori bɛtena mu; na nnipa rentena mu da biara da, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu biara renkyekyere bio.

40 Sɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro a Onyankopɔn butuiɛ no, AWURADE asɛm nie, obiara biara rentena hɔ, na onipa ba biara renyɛ mu hɔhoɔ.

41 Hwɛ, ɔman bi firi atifi fam reba na ɔman kɛseɛ bi ne ahemfo bebree bɛkanyan wɔn ho firi asase ano tɔnn.

42 Wɔkurakura tadua ne pɛmɛ; wɔn ho yɛ den, na wɔnhunu mmɔbɔ; wɔn nne yɛ huu sɛ ɛpo, na wɔtete apɔnkɔ so asiesie wɔn ho sɛ akofoɔ, atu wo, Babel babaa, so sa.

43 Babel hene te wɔn nka, na ne nsam ago; ahohiahia akye no, ne yea sɛ ɔbaa wofoɔ.

44 Hwɛ, ɔforo sɛ gyata a ɔfiri Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔadwane afiri hɔ amonom, na deɛ mɛyi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?

45 Enti montie AWURADE agyina a watu no Babel ho, ne ne tirimbɔ a wabɔ no Kaldeafoɔ asase ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nnwan mu nkumaa no akɔ; ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiri.

46 Ɛnne a ɛse: Wɔafa Babel! no gyegyeegye nti asase woso, wɔte agyaadwotwa amanaman mu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan