Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 49 - New Revised Asante Twi Bible


Amon mma ho atemmusɛm

1 Amon mma deɛ nie: Sɛ AWURADE seɛ nie: Israel nni mmabanin, anaasɛ ɔnni ɔdedini? Ɛnam deɛn so na Malkam di adeɛ Gad, na ne manfoɔ tete ne nkuro mu?

2 Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma Amon mma kuro Raba no ate ɔko mu osebɔ, na adane nkunkumaboɔkuo, na wɔde ogya ahye ɛho nkurowa, na Israel adi n’adedifoɔ adeɛ, AWURADE na ɔseɛ.

3 Hesbon, twa agyaadwoɔ, na wɔasɛe Ai. Raba mmammaa, monteam, momfira ayitoma ntwa adwo, na monkyinkyini afasuo no ntam, na Malkam rekɔ tukorɔ mu, n’asɔfoɔ ne ne mmapɔmma bɔ mu kɔ.

4 Adɛn na wohyehyɛ wo ho, mmonhwa no ho? Wo bonhwa no sene kɔ, ɔbabaa okyirisanni a wode wo ho too w’akoradeɛ so kaa sɛ: Hwan na ɔbɛba me soɔ?

5 Hwɛ, mede ehu bɛfiri wɔn a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nkyɛn aba wo so, asafo AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na wɔasunsum mo mmaako mmaako atwene a obiara biara remmoa adwanefoɔ ano.

6 Na ɛno akyiri no, mede Amon mma nnommum bɛsane aba bio, AWURADE asɛm nie.


Edomfoɔ ho atemmusɛm

7 Edom deɛ nie: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nyansa biara nni Teman bio? Afotuo abɔ nhunumufoɔ? Wɔahwie wɔn nyansa agu anaa?

8 Monnwane, monnane mo akyi, monkɔtena deɛ emu dɔ hɔ, O Dedanfoɔ! Na mede Esau sɛeɛ bɛba ne so, berɛ a mɛba mabɛtwe n’aso no.

9 Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a, wɔrennya wo mpɛpɛ anaa? Na sɛ anadwo akorɔmfoɔ ba a, wɔbɛsɛe deɛ ɛbɛso wɔn anaa?

10 Na me deɛ, mama Esau ada adagya, mayi n’ahuntadeɛ adi, na ɔrentumi nkata ne ho, wɔasɛe n’asefoɔ ne ne nuanom ne n’afipamfoɔ, na ɔnni hɔ bio.

11 Gya wo nwisiaa hɔ, me na mɛgye wɔn nkwa, na w’akunafoɔ nso, ma wɔmfa wɔn ho nto me so.

12 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, wɔn a ɛmfata wɔn sɛ wɔbɛnom kuruwa no, nom ara na wɔnom, na wo deɛ, wobɛfa wo ho sɔnn adi? Woremfa wo ho sɔnn nni, na mmom nom ara na wobɛnom.

13 Na maka me ho ntam, AWURADE asɛm nie, sɛ Bosra bɛdane ahodwirideɛ, nsopa, amamfo ne nnome, na ne nkuro nyinaa ayeyɛ daa amamfo.

14 Mate AWURADE anomu nsɛm, na wɔasoma ɔbɔfoɔ ma wakɔ amanaman mu sɛ: Mommoaboa mo ano mmra ne so, na monsɔre mmɛko.

15 Na hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa ma wɔabu wo animtia nnipa mu.

16 W’ahodwire ne w’akoma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuro mu, wo a wote nkokoɔ a ɛkorɔn soɔ; sɛ woyɛ wo buo sorosoro sɛ ɔkɔdeɛ mpo a, ɛhɔ ara na mɛyi wo afiri asi fam, AWURADE asɛm nie.

17 Na Edom bɛdane amamfo, obiara a ɔbɛtwam ho no, ne bɔ no nyinaa nti, ne ho bɛdwiri no, na wabɔ hwerɛma hwee hwee.

18 Sɛdeɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro butuiɛ no, AWURADE asɛm nie, obiara rentena hɔ, na onipa ba biara renyɛ hɔ hɔhoɔ.

19 Hwɛ, ɔforo sɛ gyata firi Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔde adwane afiri hɔ amonom; na deɛ wɔayi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?

20 Enti montie AWURADE agyina a watu no Edom ho, ne ne tirimbɔ a wabɔ no Temanfoɔ ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nnwan mu nkumaa akɔ, ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiri.

21 Wɔn ahweaseɛ gyegyeegye nti, asase woso, agyaadwo a wɔtwa no, wɔte nka Mmɛwa Po ano tɔnn.

22 Hwɛ, ɔforo sɛ ɔkɔdeɛ retu aba, na ɔtrɛ ne ntaban mu Bosra so; na ɛda no, Edom nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma.


Damasko ho atemmusɛm

23 Damasko deɛ nie: Wɔakum Hamat ne Arpad aniwuo, ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne bi; wɔn akoma atu; sɛ ɛpo a ahuru, ɛntumi nyɛ komm.

24 Damasko ahodwo, adane ne ho rebɛdwane; nketenkete akye no, ahohiahia ne yea akuta no sɛ ɔbaa wofoɔ.

25 Ayeyie kuro, m’ahosɛpɛ kuro no, hwɛ sɛdeɛ wɔasi agya no afa!

26 Enti emu mmeranteɛ bɛtotɔ mmorɔno so, na ɛda no ara wɔatwitwa n’akofoɔ nyinaa agu, asafo AWURADE asɛm nie.

27 Na mɛsɔ Damasko fasuo mu gya, na ahye Ben-hadad ahemfie no.


Arabia mmusuakuo ho atemmusɛm

28 Kedar ne Hasor ahennie a Babelhene Nebukadnessar sɛee no deɛ nie: Sɛ AWURADE seɛ nie: Monsɔre ntu Kedar so sa, na monsɛe apueeɛfoɔ.

29 Wɔn ntomadan ne wɔn nnwan, wɔbɛfa; wɔn nkuntu ne wɔn nnoɔma nyinaa ne wɔn yoma, wɔbɛtase akɔ, na wɔateam aka akyerɛ wɔn sɛ: Ehu wɔ afa nyinaa.

30 Monnwane, montu mmirikaden, monkɔtena deɛ emu dɔ hɔ, mo a mote Hasor! AWURADE asɛm nie. Na Babelhene Nebukadnessar atu mo tiri so agyina, na wapam mo so apam.

31 Monsɔre ntu ɔman a wɔn ho dwoɔ a wɔte hɔ dwoodwoo no so sa, AWURADE asɛm nie. Wɔnni apono ne akyire adaban, wɔn nko ara na wɔte hɔ.

32 Na wɔn yoma bɛyɛ fomfa adeɛ, na wɔn mmoakuo dodoɔ ayɛ asadeɛ. Na mɛbɔ wɔn a wɔayi wɔn bɔgyesɛ putuo apete mframa nyinaa ano, na mede wɔn sɛeɛ afiri afa nyinaa aba wɔn so, AWURADE asɛm nie.

33 Na Hasor bɛdane ɛserɛ so kraman tenabea ne daa amamfo, obiara biara rentena hɔ, na onipa ba biara renyɛ hɔhoɔ wɔ hɔ.


Elam ho atemmusɛm

34 AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn, Elam ho, Yudahene Sedekia ahennie mfitiaseɛ sɛ:

35 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merebubu Elam tadua, wɔn mmaninyɛ ade titire mu;

36 na mede mframa nnan bɛfiri ɔsoro afanan aba Elam so, na mabɔ wɔn apete mframa yi nyinaa ano, na ɔman biara nni hɔ a Elam adamfikyi remma hɔ;

37 na mɛma Elam akoma atu, wɔn atamfoɔ ne wɔn a wɔrepɛ wɔn akum wɔn no anim, na mede mmusuo a ɛyɛ m’abufuo mu gya bɛba wɔn so, AWURADE asɛm nie, na mama afena ati wɔn akɔsi sɛ mɛwie wɔn yɛ.

38 Na mede m’adwa bɛsi Elam, na mama ɔhene ne mmapɔmma ayera hɔ, AWURADE asɛm nie.

39 Nanso nna a ɛdi akyire no mu no, mede Elam nnommum bɛsane aba, AWURADE asɛm nie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan