Yeremia 48 - New Revised Asante Twi BibleMoab ho atemmusɛm 1 Moab deɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Nebo nnue! ɛfiri sɛ asɛe. Kiriataim ani awu, wɔagye. Aban denden no ani awu na wɔadwiri agu. 2 Moab din a wagyeɛ no nni hɔ bio, wɔatu ne ho agyina bɔne, wɔ Hesbon sɛ: Mommra mma yɛntwa no, na anyɛ ɔman bio. Wo nso kuro a wɔfrɛ wo Madmen, wɔbɛka w’ano atomu, ɛfiri sɛ afena di w’akyi. 3 Tie! Esu nne a ɛfiri Horonaim, ɔsɛeɛ ne amamfo kɛseɛ. 4 Wɔabubu Moab, emu nnipa nkumaa ma wɔte nteamu. 5 Na Luhit aforoeɛ hɔ wɔde esu ara nko foro kɔ soro; na Horonaim asianeeɛ hɔ ahohiahiafoɔ tee agyaadwo gyegyeegyeyɛ. 6 Monnwanedwane mma mo kra mfiri mu mfi, na monyɛ sɛ anwea pradada so afunumu. 7 Na ɛsiane sɛ wode w’ani ato wo nnwuma ne w’akoradeɛ soɔ nti, wo nso, wɔbɛfa wo, na Kemos, n’asɔfoɔ ne n’asafohene abɔ mu afiri adi akɔ tukorɔ mu. 8 Na ɔsɛefoɔ bɛba nkuro nyinaa so, na kuro biara remfiri mu mfi; na mmonhwa ayera, na asaseta nso asɛe, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no. 9 Momma Moab nkaeɛdum, na sɛe ara na wɔbɛsɛe no. Na ne nkuro bɛyɛ amamfo a obiara nte mu. 10 Nnome nka deɛ ɔyɛ AWURADE adwuma biara biara, na nnome nka deɛ ɔsianka n’afena firi mogyahwieguo mu. 11 Moab atena ase dwoodwoo firi ne mmɔfraase, na wada ne puo so, na wɔnhwiee no mfirii adeɛ mu nguu adeɛ mu, na ɔnkɔɔ tukorɔ mu da; enti na ne dɛ aka ne mu, na ne ho hwam nsakyeraeɛ. 12 Enti hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛsoma atuefoɔ aba ne so a wɔbɛtue wɔn, na wɔahwiehwie deɛ ɛwɔ n’adeɛ mu agu, na wɔabobɔ ne mpɔre nso. 13 Na Moab ani bɛwu Kemos ho sɛdeɛ Israel fie ani wuu Betel a wɔde wɔn ho too soɔ no ho no. 14 Ɛyɛ dɛn na moka sɛ: Yɛyɛ nnɔmmarima ne akofoɔ akokoɔdurufoɔ? 15 Wɔasɛe Moab, na wɔaforo kɔ ne nkuro mu, na ne mmeranteɛ a wɔayi wɔn no asiane kɔ okum mu, ɔhene a asafo AWURADE ne ne din no asɛm nie. 16 Moab sɛeɛ repempɛn so ba, na ne mmusuo reyɛ ntɛm ba. 17 Monnyam no, mo a motete ne ho nyinaa ne mo a monim ne din nyinaa. Monka sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na dua a ɛyɛ den, poma fɛfɛ no abuo yi? 18 Siane firi w’animuonyam mu, na tena sukɔm asase so, O wo a wote Dibon! Na Moab sɛefoɔ atu reba wo so, ɔrebɛsɛe w’aban a ɛyɛ den no. 19 Kɔgyina kwan ho sra, Aroerfoɔ, bisa odwanefoɔ ne deɛ wafiri mu afire sɛ: Ɛdeɛn na asie? 20 Moab ani awu, ɛfiri sɛ wɔadwiri agu. Montwa agyaadwo na monteam, monka no Arnon sɛ wɔasɛe Moab. 21 Na atemmuo aba asaseta no so, aba Holon ne Yahsa ne Mefaat, 22 ne Dibon ne Nebo ne Bet-diblataim, 23 ne Kiriataim ne Bet-gamul ne Bet-meon, 24 ne Keriot ne Bosra ne Moab asase so nkuro a ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn nyinaa so. 25 Wɔatwa Moab abɛn, na ne basa abu, AWURADE asɛm nie. 26 Momma no mmoro, ɛfiri sɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm, na momma Moab ayantam ne feɛ mu, na ɔno nso nnane asereseredeɛ. 27 Israel anyɛ wo aseredeɛ, sɛ wohunuu no akorɔmfoɔ mu? Na da biara a woka ne ho asɛm no wowosowoso wo ti. 28 O Moabfoɔ, monnya mo nkuro hɔ nkɔtena abotan mu, na monyɛ sɛ abuburo a ɔyɛ ne buo wɔ abodan ano nkyɛn mu. 29 Yɛate Moab ahantan, ɔyɛ ahantan dodoɔ no, n’ahantan ne dwɛɛ ne n’ahokyerɛ ne n’akoma mmasoɔ. 30 Me ara, AWURADE asɛm nie, menim n’aniɛden; n’ahohoahoa ne ne nneyɛɛ yɛ atorɔ. 31 Enti metwa Moab ho adwo, na metwa Moab nyinaa ho agyaadwo na madi Kir-Heres mmarima ho abooboo. 32 Mede Yaser su no bi mesu wo, O Sibma obobe. Wo mman atra ɛpo, akɔduru Yaser po ano. Wo nnuabateɛ ne wo bobe abateɛ so na ɔsɛefoɔ no aba, 33 na wɔahwam anigyeɛ ne ahurisidie afiri mfu pa wɔ Moab asase so, na matwa nsa to afiri nsa-kyi-amena mu. Wɔrenyɛ nsa mmɔ nnye so. Wɔbɛbo agye so a ɛnyɛ anigyeɛ mmɔgyesoɔ. 34 Wɔma wɔn nne so firi Hesbon nteam no mu kɔsi Eleale ne Yahas, ɛfiri Soar kɔsi Horonaim, sɛ mfeɛ mmiɛnsa nantwibereɛ; na Nimrim nsuo mpo adane nkyɛkyerɛ. 35 Na mɛtwa Moab mu, AWURADE asɛm nie, deɛ ɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sorɔnsorɔnbea, ne deɛ ɔhye aduhwam ma n’anyame no. 36 Ɛno nti m’akoma gyegye ma Moab sɛ atɛntɛbɛn, na m’akoma gyegye sɛ atɛntɛbɛn ma Kir-Heres mmarima, ɛfiri sɛ adeɛ a wɔanya, a wɔde asie no, ayera. 37 Na etire nyinaa so apepa, na bɔgyesɛ nyinaa akuku, nsa nyinaa ho ayɛ nkamaa, na ayitoma miamia asene. 38 Esutue ara nko na ɛwɔ Moab adan nyinaa atifi, ne ne mmorɔno soɔ, na mabɔ Moab sɛ kukuo bi a wɔmpɛ, AWURADE asɛm nie. 39 Sɛdeɛ wɔasi adwiri no! Sɛdeɛ wɔsi twa agyaadwoɔ! Sɛdeɛ Moab si de aniwuo dane n’atikɔ! Saa ara na Moab adane aseredeɛ ne ahodwirideɛ ama wɔn a wɔtete ne ho nyinaa. 40 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, obi retu sɛ ɔkɔdeɛ, na ɔtrɛ ne ntaban mu ba Moab so. 41 Wɔbɛfa nkuro akɛseɛ no, na wɔagye nkuro a ɛyɛ den no, na ɛda no Moab nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma. 42 Na wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio, ɛfiri sɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm. 43 Ehu ne eku ne fidie da wo da, wo a wote Moab no, AWURADE asɛm nie. 44 Deɛ ɔdwane firi ehu ano no kɔ eku mu, na deɛ waforo afiri eku mu no, wɔde fidie yi no, na mede Moab asotwe afe bɛba wɔn so, AWURADE asɛm nie. 45 Hesbon nwunu mu na adwanefoɔ a ahoɔden abɔ wɔn gyinagyina, na ogya afiri Hesbon, na ogyaframa afiri Sihon mu, na abɛsɛe Moab moma ne hooyɛ mma no mpampam. 46 Moab, due! Kemos man ayera, na wɔafa wo mmabanin nnommum, na wo mmammaa kɔ nnommumfa mu. 47 Nso mede Moab nnommum bɛsane aba, nna a ɛdi akyire no mu, AWURADE asɛm nie. Deɛ Moab atemmuo no aso ne ha. |
The Bible Society of Ghana, 2012