Yeremia 47 - New Revised Asante Twi BibleFilistifoɔ asase ho atemmusɛm 1 AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn Filistifoɔ ho, ansa na Farao reba abɛkunkum Gasa nie: 2 Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, nsuo rema ne ho so afiri atifi fam na ayɛ asuo a ɛreyiri asram asase ne ne mayɛ, kuro no ne wɔn a wɔte mu no soɔ. Na nnipa bɛteateam, na asase no sofoɔ abɔ abubuo, 3 wɔn apɔnkɔ akunini ntɔte a ɛsisi fam tim tim no kitikitiyɛ ne wɔn nteaseɛnam a ɛyɛ twɛtwɛrɛdɛdɛ ne ne nan huuyɛ nti, agyanom nnane wɔn ani nhwɛ wɔn mma, wɔn nsa mu goɔ no nti, 4 ɛda a ɛreba abɛsɛe Filistifoɔ nyinaa atwitwa Tiro ne Sidon aboafoɔ a aka no nyinaa nti, na AWURADE rebɛsɛe Filistifoɔ, Kaftor supɔ mu nkaeɛ no. 5 Atipa aba Gasa so, Askelon ne wɔn bonhwa mu nkaeɛ asɛe pasaa. Wobɛbɔ wo ho akam akɔsi da bɛn? 6 Ao, AWURADE afena, ɛnkɔsi da bɛn ansa na woayɛ komm? Sane kɔhyɛ wo boha mu, home na yɛ dinn ɛ! 7 Ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ komm, berɛ a AWURADE ahyɛ no yi? Askelon ne mpoano hɔ na wahyɛ sɛ ɛmmra. |
The Bible Society of Ghana, 2012