Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 46 - New Revised Asante Twi Bible


Wɔdi Misraimfoɔ so nkonim

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn, amanaman ho nie:

2 Misraim deɛ: Misraimhene Farao Neko dɔm a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ano wɔ Karkemis a Babelhene Nebukadnessar kumm wɔn, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu no ho.

3 Monsiesie nkataboɔ ne ɛkyɛm, na montu sa.

4 Momfa apɔnkɔ nsesa nteaseɛnam ho, montenatena so, O apɔnkɔsotefoɔ, monhyɛ dadeɛ kyɛ nnyinagyina hɔ, mompɔ mpea ho, na monhyehyɛ dadeɛ nkataboɔ.

5 Ɛnam deɛn so na mehu wɔn sɛdeɛ wɔn akoma atuo na wɔadane wɔn akyire, na wɔn nnɔmmarima no, wɔabobɔ wɔn aguo, na dwane ara na wɔredwane na wɔnhwɛ wɔn akyiri yi? Ehu wɔ afa nyinaa, AWURADE asɛm nie;

6 ɔhoɔharefoɔ nnya adwaneyɛ, na dɔmmarima mfiri mu mfi; atifi fam, Asuo Eufrate no ho na wɔasuntisunti na wɔahwehwe aseɛ.

7 Hwan na ɔreba sɛ Nil, na n’asorɔkyeɛ rebɔ sɛ asukɛseɛ deɛ yi?

8 Misraim atu reba sɛ Nil, n’asorɔkyeɛ rebɔ sɛ asuo akɛseɛ deɛ, na ɛse: Mɛyiri makata asase so masɛe nkuro ne emufoɔ no.

9 Montenatena apɔnkɔ so, na nteaseɛnam ntu yirididi na nnɔmmarima no mfiri adi, Etiopia ne Put, akyɛmkurafoɔ no ne Lidiafoɔ a wɔkura tadua pono mu no.

10 Ɛda no yɛ asafo AWURADE Nyankopɔn deɛ, aweretɔ da a ɔbɛtɔ n’atamfo so were. Na afena bɛdidi amee, na wɔn mogya ama no abo, na AWURADE, asafo AWURADE wɔ okum afɔdeɛ, atifi fam asase so, Asuo Eufrate ho.

11 O ɔbaabunu, Misraim babaa, foro kɔ Gilead kɔgye aduro; kwa ara kwa na woma nnuro dɔɔso, ayaresa biara nni hɔ mma wo.

12 Amanaman ate wo ahohora, na wo nteamu ayɛ asase ma tɔ, na dɔmmarima abɔ dɔmmarima so ma wɔn baanu abom ahwehwe ase.


Misraim amaneɛ

13 Asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia, sɛ Babelhene Nebukadnessar bɛba abɛseɛ Misraim asase no.

14 Monka no Misraim, na mompae mu nka no Migdol, na mompae mu nka no Memfis ne Tapanes hɔ. Monka sɛ: Gyina hɔ, na tim hɔ pintinn, ɛfiri sɛ afena redidi atwa wo ho ahyia.

15 Ɛnam deɛn so na wɔapra w’akunini korɔ yi? Adɛn na wo nantwinini annyina, na AWURADE apam no?

16 Wama pii ahwehwe ase, baako atɔ da ne yɔnko so mpo; ɛnna wɔse: Sɔre ma yɛnsane nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne yɛn awoɔ asase so mfiri afena a ɛyɛ hu no anim.

17 Wɔteam hɔ sɛ: Misraimhene Farao asɛe; wama berɛ a ɛsɛ no atwam.

18 Sɛ mete aseɛ yi, ɔhene a asafo AWURADE ne ne din no asɛm nie, sɛdeɛ Tabor si mmepɔ no ntam na Karmel si ɛpo mu no, saa na ɔbɛba.

19 Yɛ atukorɔ ho adeɛ fa, O Misraim babaa a wote hɔ no, na Memfi bɛdane amamfo, na ahye a obiara rentena mu bio.

20 Misraim yɛ nantwie bedeɛ a ne ho yɛ fɛ, nanso ɔsɛeɛ firi atifi fam aba ne so.

21 N’asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ ne mu no te sɛ anantwie a wɔadɔre sradeɛ, aane, wɔn nso wɔdane wɔn ho bɔ mu dwanedwane; wɔnnyina, ɛfiri sɛ wɔn sɛeɛ da adu, wɔn asotwe berɛ aba wɔn so.

22 Ne nne gyegye kɔ sɛ ɔwɔ a ɔtene, na wɔde dɔm nam reba ne so, na wɔde mmonnua reba ne so sɛ nnuabufoɔ.

23 Wɔbɛtwa ne kwaeɛ AWURADE asɛm nie, kwaeɛ a wɔnnya mu ahwehwɛeɛ, ɛfiri sɛ wɔdɔɔso sene ntutummɛ, na wɔn dodoɔ nni ano.

24 Wɔama Misraim babaa ani awu, wɔde no ahyɛ atifi fam man no nsa.

25 Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se: Hwɛ, mereba mabɛtwe Amon a ɔwɔ Tebes no aso, ne Farao ne Misraim ne ɛso anyame ne ɛso ahemfo ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ no,

26 na mede wɔn mahyɛ wɔn a wɔpɛ wɔn kra no nsa, ne Babelhene Nebukadnessar ne ne nkoa nsa; na ɛno akyi no, wɔbɛsane abɛtena ha sɛ tete nna no, AWURADE asɛm nie.


Wɔkyekyere Israel werɛ

27 Na wo, m’akoa Yakob, nsuro, na mma w’akoma nntu, O Israel. Na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri ne w’asefoɔ nso afiri wɔn nnommumfa asase no so, na Yakob asane aba abɛhome atena ase dwoodwoo, na obiara nni hɔ a ɔbɛyi no hu.

28 Wo, m’akoa Yakob, nsuro, AWURADE asɛm nie, na medi w’akyi, na mɛma amanaman a mebɔɔ mo pete kɔɔ hɔ no nyinaa awie saa, na wo deɛ, merenwie wo. Na mɛtea wo sɛdeɛ ɛfata, na bem deɛ, meremma wonni.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan