Yeremia 45 - New Revised Asante Twi BibleƆbɔ Baruk kɔkɔ na ɔkyekyere ne werɛ nso 1 Asɛm a Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk berɛ a ɔtwerɛɛ nsɛm yi firii Yeremia anomu hyɛɛ nwoma mu, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu no sɛ: 2 Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ka no wo, Baruk, ho nie: 3 Woka sɛ: Mennue, sɛ AWURADE de awerɛhoɔ ka me yea ho. Mabrɛ ne apinisie, na mennya ahome biara. 4 Sei na ka kyerɛ no: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, deɛ mesiiɛ no, meredwiri, na deɛ meduaeɛ no, meretutu; na yei bɛba asase no nyinaa so. 5 Na wo na worehwehwɛ ade kɛseɛ afa? Nhwehwɛ, na hwɛ, mede bɔne mereba honam nyinaa so, AWURADE asɛm nie, na mede wo kra bɛma wo sɛ asadeɛ, baabiara a wobɛkorɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012