Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 44 - New Revised Asante Twi Bible


Yudafoɔ akyirisanfoɔ ho atemmusɛm

1 Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn a ɛfa Yudafoɔ a wɔte Misraim asase soɔ, wɔn a wɔtete Migdol ne Tapanes ne Memfis ne Patros asase soɔ no nyinaa ho nie:

2 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Mo ara moahunu bɔne a mede maba Yerusalem ne Yuda nkuro nyinaa soɔ no nyinaa. Na hwɛ, ayɛ amamfo nnɛ, na obiara nni hɔ a ɔte soɔ.

3 Ɛfiri wɔn bɔne a wɔyɛ de huruu me boɔ no; sɛ wɔkɔ kɔhyee aduhwam de som anyame foforɔ a wɔne mo, ne mo agyanom nnim wɔn no nti.

4 Na mesomaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa maa wɔbaa mo nkyɛn, metuaa nhema mesomaa sɛ: Monnyɛ akyiwadeɛ a ɛyɛ me tane yi bi.

5 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase sɛ wɔbɛsane afiri wɔn bɔne ho, na wɔrenhye aduhwam mma anyame foforɔ.

6 Ɛnna m’anibereɛ ne m’abufuhyeɛ hwie guiɛ, na ɛdɛree Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno so maa no danedane asasefo ne amamfo sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

7 Na afei, sɛ AWURADE asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Adɛn nti na mo nso moyeyɛ bɔne kɛseɛ tia mo ara mo kra yi, sɛ wɔntwitwa mo mu ɔbarima ne ɔbaa, abɔfra ne akɔkoaa mfiri Yuda, na wɔannya mo nkaeɛ biara,

8 sɛ mode mo nsa ano nnwuma rehuru me boɔ, na moahye aduhwam ama anyame foforɔ, Misraim asase a moaba soɔ abɛyɛ hɔ ahɔhoɔ yi so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mo ase bɛhyeɛ, na moayɛ nnome ne nsopa, asase so amanaman nyinaa mu?

9 Mo werɛ afiri mo agyanom nnebɔne, ne Yuda ahemfo nnebɔne, ne wɔn yerenom nnebɔne ne mo ara mo nnebɔne ne mo yerenom nnebɔne a wɔyɛɛ no Yuda asase soɔ ne Yerusalem mmorɔno soɔ no?

10 Enti na wɔmmrɛɛ wɔn ho ase de bɛsi nnɛ da yi, nanso wɔnsuro, na wɔnnante me mmara ne m’ahyɛdeɛ a mede mesisii mo ne mo agyanom anim no soɔ.

11 Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede m’ani masa mo na asi mo bɔne, na Yuda nyinaa ase ahye.

12 Na mafa Yuda nkaeɛ a wɔde wɔn ani ato so sɛ wɔbɛba Misraim asase so abɛyɛ hɔ ahɔhoɔ no mama wɔn nyinaa asa; Misraim asase so na wɔbɛtotɔ, afena ne ɛkɔm nti, wɔbɛwie sa, afiri akumaa so akɔsi ɔkɛseɛ so; afena ne ɛkɔm ano na wɔbɛwuwuo, na wɔadanedane ntankadeɛ na ahodwirideɛ ne nnome ne nsopa.

13 Na mɛtwe wɔn a wɔtete Misraim asase soɔ no aso, sɛdeɛ mede afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛtwee Yerusalem aso no,

14 na Yuda nkaeɛ a wɔakɔ Misraim, akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ no mu biara remfiri mu, anaasɛ ɔrenka na wɔasane aba Yuda asase a wɔpɛ sɛ wɔsane kɔ hɔ no so, kɔtena hɔ no, ɛfiri sɛ obiara biara rensane mma, gye adwanefoɔ.

15 Ɛnna mmarima a wɔnim sɛ wɔn yerenom hyehyee aduhwam maa anyame foforɔ no nyinaa, ne mmaa a wɔgyinagyina hɔ no nyinaa, asafo kɛseɛ, na ɔman a wɔte Patros, Misraim asase soɔ no nyinaa buaa Yeremia sɛ:

16 Asɛm a woreka akyerɛ yɛn AWURADE din mu yi, yɛrentie wo,

17 na mmom yɛbɛyɛ biribiara a yɛaka sɛ yɛbɛyɛ, sɛ yɛbɛhye aduhwam ama ɔsoro hemmaa no, na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛdeɛ yɛn ne yɛn agyanom, yɛn ahemfo ne yɛn asafohene yɛeɛ, Yuda nkuro ne Yerusalem mmorɔno soɔ a aduane meemee yɛn, na yɛdii yie na yɛanhunu bɔne biara no.

18 Na ɛfiri berɛ a yɛgyaee ɔsoro hemmaa no aduhwamhyeɛ ne ahwiesa hwie no, nnoɔma nyinaa abɔ yɛn; ɛnna afena ne ɛkɔm awie yɛn yɛ yi.

19 Na mmaa no kaa sɛ, yɛhye aduhwam ma ɔsoro hemmaa na yɛhwie ahwiesa ma no a, mosusu sɛ yɛkwati yɛn kununom na yɛyɛ taterɛ de sisi hɔ ma no na yɛhwie ahwiesa no a wɔnnim anaa?

20 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa, mmarima ne mmaa ne nkurɔfoɔ a wɔbuaa no no nyinaa sɛ:

21 Aduhwam a mo ne mo agyanom, mo ahemfo ne mo mmapɔmma ne asase no so nkurɔfoɔ no hyee no Yuda nkuro mu, ne Yerusalem mmorɔno soɔ no, ɛnyɛ ɛnonom na AWURADE akae, na afɔre ahyɛne n’adwene mu.

22 Ɛfiri sɛ na AWURADE ntumi nsoa mo nneyɛɛ bɔne ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no bio, na mo asase adane amamfo ne ahodwirideɛ ne nnome a obiara ntena hɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

23 Ɛsiane sɛ mohyehyee aduhwam yɛɛ AWURADE bɔne, na moantie AWURADE, na moanni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ ne n’adansesɛm no soɔ nti, na asiane bɔne yi abɛsiane mo sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

24 Na Yeremia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa ne mmaa no nyinaa sɛ: Yudafoɔ a mowɔ Misraim asase soɔ nyinaa, montie AWURADE asɛm:

25 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Mo ne mo yerenom, mode mo ano ka na mode mo nsa ma no ba mu sɛ: Ma ara na yɛbɛma yɛn aboadeɛ a yɛhyɛɛ ho bɔ no, sɛ yɛbɛhye aduhwam ama ɔsoro hemmaa, na yɛahwie ahwiesa ama no. Tim ara na mobɛma mo bɔhyɛ no atim, na ma nso na mobɛma mo aboadeɛ no.

26 Saa nti montie AWURADE asɛm, Yudafoɔ a mote Misraim asase soɔ nyinaa: Hwɛ, maka me din kɛseɛ no ntam sɛ, AWURADE asɛm nie, wɔremmɔ me din Yudani biara anomu wɔ Misraim asase nyinaa so sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn te aseɛ yi!

27 Hwɛ, mewɔ wɔn ho ani, bɔne ho, na ɛnyɛ papa ho, na Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim asase soɔ no nyinaa bɛdwerɛ afena ne ɛkɔm ano akɔsi sɛ wɔbɛwie sa.

28 Na nnipa kakraa bi a wɔbɛfiri afena ano afiri no bɛsane afiri Misraim asase so aba Yuda asase so, na Yuda nkaeɛ a wɔbaa Misraim asase so bɛyɛɛ hɔ ahɔhoɔ no nyinaa bɛhunu onii ko a n’asɛm bɛgyina, me deɛ oo, wɔn deɛ oo!

29 Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛtwe mo aso ɛha yi, na moahunu sɛ mo ho na me nsɛm no bɛba mu ayɛ mo bɔne:

30 Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede Misraimhene Farao Hofra merehyɛ n’atamfo ne wɔn a wɔrepɛ no aku no no nsa, sɛdeɛ mede Yudahene Sedekia mehyɛɛ Babelhene Nebukadnessar a ɔtanee no, pɛɛ no kumm no no nsa no.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan