Yeremia 42 - New Revised Asante Twi BibleYeremia bɔ wɔn Misraim ho kɔkɔ kwa 1 Na dɔm asafohene no nyinaa ne Karea ba Yohanan ne Hosaia ba Yesania ne ɔmanfoɔ no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ, twe pinii 2 bɛka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotosrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn ne nkaeɛ yi nyinaa, ɛfiri sɛ yɛne kakraa bi a yɛaka firi nnipa bebree mu, sɛdeɛ wohu yɛn yi, 3 na AWURADE wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛnnante soɔ ne adekodeɛ a yɛnyɛ nso. 4 Na Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mate. Hwɛ, merebɛbɔ AWURADE mo Nyankopɔn mpaeɛ sɛdeɛ mokaeɛ no, na asɛm biara a AWURADE bɛbua mo no, mɛka makyerɛ mo. Meremfa asɛm biara mensie mo. 5 Na wɔn nso ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: AWURADE nyɛ yɛn nokorɛ danseni pintinn sɛ AWURADE wo Nyankopɔn asɛm biara a ɔde bɛsoma wo yɛn nkyɛn no, sɛ ɛnyɛ saa na yɛbɛyɛ a, yɛka! 6 Sɛ papa oo, bɔne oo, AWURADE yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo ne nkyɛn no nne na yɛbɛtie, na asi yɛn yie, sɛ yɛtie AWURADE yɛn Nyankopɔn nti. 7 Na dadu akyiri no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn. 8 Na ɔfrɛɛ Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa ne ɔman no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so bae, 9 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a mosomaa me ne nkyɛn sɛ memma mo nkotosrɛ nnuru n’anim no seɛ nie: 10 Sɛ mobɛtena asase yi so a, ɛnneɛ mɛpagya mo asi hɔ, na merennwiri, na mɛdua mo, na merentutu mo, ɛfiri sɛ manu me ho, mmusuo a mede aba mo soɔ no nti. 11 Monnsuro Babel hene a mosuro no yi, monnsuro no, AWURADE asɛm nie, na me na medi mo akyiri sɛ mɛgye mo nkwa na mayi mo afiri ne nsam; 12 na mɛdom mo, na mama wahu mo mmɔbɔ, na wama moasane aba mo asase so. 13 Na sɛ moka sɛ: Yɛrentena asase yi so, na moantie AWURADE mo Nyankopɔn nne, 14 ka sɛ: Dabi, na yɛbɛkɔ Misraim asase so a yɛrenhunu dɔm na yɛrente totorobɛnto hyɛne na aduanekɔm renne yɛn, na yɛakɔtena hɔ, a, 15 ɛnneɛ afei montie AWURADE asɛm, mo Yuda nkaeɛ a aka yi: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mode mo ani to so sɛ mobɛkɔ Misraim akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ a, 16 ɛnneɛ ɛbɛba sɛ, afena a mosuro no ara bɛto mo wɔ hɔ, Misraim asase no so, na ɛkɔm a mo akoma tu ho no, bɛdi mo akyi Misraim hɔ, na ɛhɔ ara na mobɛwuwuo. 17 Na mmarima a wɔde wɔn ani to so sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ no nyinaa bɛwuwu afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na wɔn mu biara renka, anaasɛ ɔremfiri mmusuo a mede bɛba wɔn soɔ no mu. 18 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛdeɛ m’abufuo ne m’abufuhyeɛ hwie guu Yerusalemfoɔ soɔ no, saa ara na mokɔ Misraim a, m’abufuhyeɛ bɛhwie agu mo soɔ, na moadane ntankadeɛ ne ahodwirideɛ ne nnome ne nsopa, na morenhunu ha yi bio. 19 AWURADE aka akyerɛ mo, Yuda nkaeɛ, sɛ monnkɔ Misraim! Na monhunu pefee sɛ madi mo adanseɛ nnɛ. 20 Na moatwa mo ara mo kra nkontompo, ɛfiri sɛ mo ara na mosomaa me AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, na sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa no, saa ara na ka kyerɛ yɛn na yɛnyɛ. 21 Na maka makyerɛ mo nnɛ, nso moantie AWURADE mo Nyankopɔn ne deɛ ɔde somaa me mo nkyɛn no nyinaa. 22 Na afei, monhunu pefee sɛ afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano na mobɛwuwuo, deɛ mo ani gyina sɛ morekɔ akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ no. |
The Bible Society of Ghana, 2012