Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 41 - New Revised Asante Twi Bible


Ismael di Gedalia awu

1 Na bosome a ɛtɔ so nson no, Elisama ba Netania ba Ismael a ɔfiri ɔhene asefoɔ ne ɔhene atitire mu no, ne mmarima du a wɔka ne ho baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na wɔbɔɔ mu didii Mispa hɔ.

2 Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔre de nkrantɛ bobɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi asase no so panin no kumm no.

3 Na Yudafoɔ a wɔne ɔno Gedalia te Mispa no nyinaa ne Kaldeafoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ a wɔyɛ akofoɔ no nso, Ismael kunkumm wɔn.

4 Na Gedalia kum akyiri nnanu a obiara nteeɛ no,

5 mmarima bi firi Sekem ne Silo ne Samaria bae, wɔyɛ aduɔwɔtwe, na wɔayiyi wɔn bɔgyesɛ asunsuane wɔn ntadeɛ mu abobɔ wɔn ho akam, na wɔkura aduane afɔdeɛ ne aduhwam sɛ wɔde reba AWURADE fie.

6 Na Netania ba Ismael firi Mispa kɔhyiaa wɔn. Ɔrekorɔ no, na ɔresu, na ɔduruu wɔn nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommra Ahikam ba Gedalia nkyɛn.

7 Na wɔduruu kuro no mu no, Netania ba Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kunkumm wɔn guu abura bi mu.

8 Nanso wɔn mu mmarima du wɔ hɔ a wɔka kyerɛɛ Ismael sɛ: Nkum yɛn, na yɛwɔ akoradeɛ wɔ wiram, ayuo ne atokoɔ ne ngo ne ɛwoɔ. Ɛnna ɔgyaeeɛ, na wankum wɔn ampae wɔn nuanom no so.

9 Nso abura a Ismael totoo mmarima a ɔkunkumm wɔn kaa Gedalia ho no afunu guu mu no ne deɛ Israelhene Baasa nti Ɔhene Asa tuiɛ no, ɛno na Netania ba Ismael de atɔfoɔ no hyɛɛ no ma.

10 Ɛnna Ismael faa ɔman no nkaeɛ a wɔwɔ Mispa no nyinaa nnommum, ɔhene mmammaa ne nkurɔfoɔ a wɔkaa Mispa a Ankɔbeahene Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam ba Gedalia nsa no nyinaa, Netania ba Ismael faa wɔn nnommum kɔe, sɛ ɔrekɔtwam akɔ Amonfoɔ nkyɛn.


Yudafoɔ pɛ sɛ anka wɔkɔ Misraim

11 Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa tee bɔne a Netania ba Ismael ayɛ no,

12 wɔfaa mmarima no nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Netania ba Ismael rekɔko; na wɔkɔtoo no asukɛseɛ a ɛwɔ Gibeon no ho.

13 Na nkurɔfoɔ a wɔka Ismael ho no nyinaa hunuu Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa no, wɔn ani gyee,

14 na ɔman a Ismael faa wɔn nnommum firii Mispa no danedanee wɔn ho sanee wɔn akyiri baa Karea ba Yohanan nkyɛn.

15 Na Netania ba Ismael ne mmarima baawɔtwe firii mu firii Yohanan anim, na wɔsii mu kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn.

16 Ɛnna Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa faa ɔman no nkaeɛ a ɔde wɔn sane firii Netania ba Ismael a ɔkumm Ahikam ba Gedalia no nkyɛn Mispa, na wɔfaa mmarima akofoɔ ne mmaa ne mmɔfra ne mpiafoɔ a ɔde wɔn sane firii Gibeon no,

17 na wɔsii mu kɔtenaa Kimham asoɛeɛ a ɛwɔ Betlehem nkyɛn mu, sɛ wɔrefa so akɔ Misraim

18 afiri Kaldeafoɔ no anim, ɛfiri sɛ na wɔsuro wɔn anim, sɛ Netania ba Ismael akum Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no si asase no so panin no.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan