Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 40 - New Revised Asante Twi Bible


Yeremia wɔ Amrado Gedalia nkyɛn

1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn berɛ a Ankɔbeahene Nebusaradan agyaa no Rama no nie; ɔkɔfaa no baeɛ no, na wɔagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn, Yerusalem ne Yuda atukɔfoɔ a wɔretu wɔn akɔ Babel no mu.

2 Ankɔbeahene no maa wɔkɔfaa Yeremia bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn no aka bɔne yi nyinaa atia ha yi,

3 na wama no aba mu, AWURADE ayɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, ɛfiri sɛ moyɛɛ bɔne tiaa AWURADE, na moantie no, ama asɛm yi aba mo so.

4 Na ɛfiri ɛnnɛ, mayi wo afiri nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wo nsa no mu, sɛ wopɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, bra na mɛma m’ani aku wo ho; na sɛ wompɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, ɛnneɛ ma no nka; hwɛ, asase no nyinaa na ɛda w’anim yi; faako a wonim sɛ ɛyɛ na wopɛ sɛ wokorɔ no, kɔ!

5 Na ansa na ɔrekɔ no, ɔkaa sɛ: Sane kɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi Yuda nkuro so panin no nkyɛn, na wo ne no ntena ɔman no mu; anaasɛ baabiara a wopɛ sɛ wokorɔ no, kɔ! Na ankɔbeahene no maa no akwansoduane ne ayɛyɛdeɛ, na ɔgyaa no kwan.

6 Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na ɔne no kɔtenaa nkurɔfoɔ a wɔgyaa wɔn asase no soɔ no mu.


Wɔpam Gedalia tiri so

7 Na ɛdɔm asafohene a wɔwɔ wiram no nyinaa, wɔne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Ahikam ba Gedalia asi asase no so panin, ne sɛ ɔde mmarima ne mmaa ne mmɔfra ne asase no so ahiafoɔ a wɔantu wɔn ankɔ Babel no mu bi ahyɛ n’ase no,

8 wɔbaa Gedalia nkyɛn Mispa, wɔn ne Netania ba Ismael ne Yohanan ne Yonatan a wɔyɛ Karea mma, ne Tanhumet ba Seraia ne Netofani Efai mma, ne Maakani ba Yesania, wɔne wɔn mmarima.

9 Na Safan ba Ahikam ba Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima no ntam sɛ: Monnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafoɔ no, montena asase no so na monsom Babel hene, na ɛnsi mo yie.

10 Na me deɛ, hwɛ, mete Mispa, sɛ mɛgyina Kaldeafoɔ a wɔba yɛn nkyɛn no anim; na mo deɛ, monkɔboaboa nsa ne nnuaba ne ngo ano ngu mo nnoɔma mu, na montena mo nkuro a moafa no mu.

11 Saa ara nso na Yudafoɔ a wɔwɔ Moab ne Amonfoɔ mu ne Edom ne wɔn a wɔwɔ nsase no nyinaa soɔ no nyinaa tee sɛ Babel hene agya nkaeɛ bi ama Yuda ne sɛ ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia asi wɔn so panin no,

12 Yudafoɔ no nyinaa sane firii deɛ wɔbobɔɔ wɔn peteeɛ hɔ baa Yuda asase so Gedalia nkyɛn Mispa, na wɔbɛboaboaa nsa ne nnuaba pii pa ano.

13 Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔwɔ wiram no nyinaa baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa

14 bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ Amonfoɔ hene Baalis asoma Netania ba Ismael sɛ ɔmmra mmɛku wo? Na Ahikam ba Gedalia annye wɔn anni.

15 Na Karea ba Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia kokoa mu wɔ Mispa sɛ: Ma menkɔ menkɔkum Netania ba Ismael, na obiara ante; adɛn nti na ɔmmɛku woɔ, na Yudafoɔ a wɔaboa wɔn ano aba wo nkyɛn no nyinaa mmɔ mpete, na Yudafoɔ nkaeɛ no nyera?

16 Na Ahikam ba Gedalia ka kyerɛɛ Karea ba Yohanan sɛ: Nni saa asɛm yi, na atorosɛm na woreka no Ismael ho yi.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan