Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 39 - New Revised Asante Twi Bible


Yerusalem asehweɛ

1 Na wɔfaa Yerusalem, Yudahene Sedekia afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so du no so. Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem bɛkaa no hyɛɛ mu.

2 Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛtɔ so nnan da a ɛtɔ so nkron mu na wɔburii kuro no,

3 na Babel hene mmapɔmma nyinaa ba bɛtenaa mfimfini ponkɛseɛ no mu: Nergal-sareser, Samgar-nebo, Sar-sekim a ɔyɛ Rab-saris, Nergal-sareser a ɔyɛ Rab-mag, ne Babel hene mmapɔmma a aka no nyinaa.

4 Na Yudahene Sedekia ne mmarima akofoɔ no nyinaa hunuu wɔn no, wɔdwanedwanee, na wɔfirii kuro no mu anadwo, nam ɔhene turom kwan so, faa ɔponkɛseɛ no mu, afasuo mmienu no ntam, na wɔfirii adi faa mpaperɛ mu kwan so kɔe.

5 Na Kaldeafoɔ dɔm no tii wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia Yeriko mpaperɛ so, na wɔfaa no de no foro kɔɔ Babelhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase soɔ, na ɔbuu no atɛn wɔ hɔ.

6 Na Babel hene kunkumm Sedekia mma n’anim wɔ Ribla; na Yuda adehyeɛ nyinaa nso, Babel hene kunkumm wɔn.

7 Na ɔtutuu Sedekia ani, na ɔmaa wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, sɛ wɔmfa no nkɔ Babel.

8 Na ahemfie ne ɔmanfoɔ no afie deɛ, Kaldeafoɔ no de ogya hyee, na wɔdwiridwirii Yerusalem afasuo no.

9 Na ɔman no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu ne awaefoɔ a wɔwae baa ne nkyɛn ne ɔman no nkaeɛ a wɔkaeɛ no, Ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔɔ Babel.

10 Nanso Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni biribiara no mu bi wɔ Yuda asase no so, na ɔde bobe nturo ne mfofowa memaa wɔn da no.


Nebukadnessar bɔ Yeremia ho ban

11 Na Babelhene Nebukadnessar hyɛɛ Ankɔbeahene Nebusaradan Yeremia ho sɛ:

12 Fa no ma w’ani nku ne ho, na nyɛ no bɔne biara. Na sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ woɔ no, saa ara na yɛ ma no.

13 Ɛnna Ankɔbeahene Nebusaradan ne Nebusasban, Rab-saris, ne Nergal-sareser, Rab-mag, ne Babel hene atitire no nyinaa

14 soma maa wɔkɔfaa Yeremia firii awɛmfoɔ abannwa mu baeɛ, na wɔde no maa Safan ba Ahikam ba Gedalia sɛ ɔmfa no mfiri hɔ nkɔ fie, na ɔkɔtenaa nkurɔfoɔ no mu.


Ebed-melek nhyira

15 Na Yeremia da so da duam awɛmfoɔ abannwa no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:

16 Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, merema me nsɛm no aba mu kuro yi ho, na asi wɔn bɔne, na ansi wɔn yie, w’anim na ɛbɛba mu da no.

17 Nanso ɛda no, mɛyi wo, AWURADE asɛm nie, na wɔremfa wo nhyɛ mmarima a wosuro wɔn no nsa.

18 Na firi na mɛma woafiri mu afire, na worentɔ afena ano; na wo kra bɛdane wo asadeɛ, ɛfiri sɛ wode wo ho too me so, AWURADE asɛm nie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan