Yeremia 38 - New Revised Asante Twi BibleYeremia wɔ asiane kɛseɛ mu 1 Na Matan ba Sefatia ne Pasur ba Gedalia ne Selemia ba Yukal ne Malkia ba Pasur tee nsɛm a na Yeremia reka kyerɛ ɔman no nyinaa sɛ: 2 Sɛ AWURADE seɛ nie: Deɛ ɔbɛtena kuro yi mu no bɛwu afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na deɛ ɔfiri adi kɔ Kaldeafoɔ nkyɛn no bɛnya nkwa, na ne kra bɛyɛ no sɛ asadeɛ, na ɔbɛtena ase. 3 Sɛ AWURADE seɛ nie: Yie na wɔbɛyi kuro yi ahyɛ Babel hene dɔm no nsa, na wɔafa. 4 Ɛnna mmapɔmma no kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma wɔnkum ɔbarima yi ɛ, ɛfiri sɛ ɔde sei rema akofoɔ a wɔaka kuro yi mu ne ɔman no nyinaa nsam agogo, sɛ ɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn; na ɔbarima yi nyɛ deɛ ɔhwehwɛ asomdwoeɛ de ma ɔman yi, na mmom bɔne. 5 Na Ɔhene Sedekia kaa sɛ: Hwɛ, ɔwɔ mo nsa mu, na ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo. 6 Ɛnna wɔfaa Yeremia too no twenee ɔhene ba Malkia abura a ɛwɔ awɛmfoɔ abannwa mu no mu, na wɔde ntampehoma gyagyaa no too mu. Nso na abura no mu nni nsuo, sɛ atɛkyɛ nko; na Yeremia kɔhyɛɛ atɛkyɛ no mu. 7 Na Etiopiani Ebed-melek, opiani a ɔwɔ ahemfie no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura no mu; berɛ a na ɔhene no te Benyamin ponkɛseɛ mu. 8 Ɛnna Ebed-melek firii ahemfie ne ɔhene kɔkasaa sɛ: 9 Me wura ɔhene, deɛ mmarima yi de ayɛ Odiyifoɔ Yeremia no nyinaa, wɔayɛ no bɔne, sɛ wɔato no atwene amena mu sɛ ɛkɔm nkum no deɛ ɔwɔ hɔ, ɛfiri sɛ aduane biara nni kuro mu bio. 10 Ɛnna ɔhene hyɛɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Fa mmarima aduasa firi ha ka wo ho, na kɔyi Odiyifoɔ Yeremia abura no mu ansa na wawu. 11 Na Ebed-melek faa mmarima no kaa ne ho, na ɔsii mu kɔɔ ahemfie, adekorabea ase kɔtasee ntomago ne ntoma a asunsuane, na wɔde ntampehoma kyekyeree to maa Yeremia abura no mu. 12 Na Etiopiani Ebed-melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Fa ntomago ne ntoma a asunsuane no hyehyɛ wo mmɔtoam, ntampehoma no ase. Na Yeremia yɛɛ saa. 13 Na wɔde ntampehoma no twee Yeremia yii no firii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ abannwa mu hɔ. Yeremia ne ɔhene no nkɔmmɔbɔ 14 Na Ɔhene Sedekia soma maa wɔkɔfaa Odiyifoɔ Yeremia baa ne nkyɛn, AWURADE fie aboboɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano, na ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Merebɛbisa wo asɛm bi; nsi me biribiara so. 15 Na Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ meka kyerɛ wo a, ɛnyɛ kum na wobɛku me? Nanso sɛ metu wo fo a, worentie me. 16 Na Ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam kokoam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ ɔkra yi maa yɛn no te aseɛ yi, merenku wo, na meremfa wo nhyɛ mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum woɔ no nsa! 17 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛ wofiri adi kɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn a, wɔrenkum wo, na wɔremfa ogya nhye kuro yi, na wo ne wo fie bɛnya nkwa. 18 Na sɛ woamfiri adi ankɔ Babel hene no mmapɔmma no nkyɛn a, ɛnneɛ wɔde kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ no nsa, na wɔde ogya ahye, na wo nso, woremfiri wɔn nsam mfi. 19 Na Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Me deɛ, mesuro Yudafoɔ a wɔawae akɔ Kaldeafoɔ no nkyɛn no, sɛ ebia wɔde me bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagoro me ho. 20 Na Yeremia se: Wɔrenyi wo mma. Tie AWURADE ɛ, sɛdeɛ mereka makyerɛ woɔ yi, na asi wo yie, na wo kra anya nkwa. 21 Na sɛ woampene, amfiri adi deɛ a, yei ne asɛm a AWURADE ayi akyerɛ me: 22 Hwɛ, mmaa a wɔaka Yuda ahemfie no nyinaa, wɔbɛfa wɔn afiri adi akɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn, na wɔbɛka sɛ: Wo nnamfo adaadaa wo afa wo so; afei a wo nan hyehyɛ atɛkyɛ mu yi, wɔasane wɔn akyi. 23 Na wo yerenom nyinaa ne wo mma nso, wɔde wɔn bɛfiri adi akɔma Kaldeafoɔ no, na wo nso, woremfiri wɔn nsa mfi, na Babel hene nsa bɛsɔ wo mu, na wɔde ogya bɛhye kuro yi. 24 Ɛnna Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Mma obiara nnte nsɛm yi, na worenwu. 25 Na sɛ mmapɔmma no te sɛ me ne wo akasa, na wɔba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ: Ka deɛ woka kyerɛɛ ɔhene no kyerɛ yɛn, nsi yɛn biribiara so na yɛanku wo, na asɛm bɛn nso na ɔhene ka kyerɛɛ woɔ? 26 Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Mede me nkotosrɛ mehwee ɔhene anim, sɛ ɔmmma wɔmmfa me nnkɔ Yonatan fie bio, na mankɔwu wɔ hɔ. 27 Na asafohene no nyinaa baa Yeremia nkyɛn bɛbisaa no, na ɔkaa nsɛm a ɔhene hyɛɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Ɛnna wɔne no gyaee kasa, ɛfiri sɛ na obiara ntee asɛm no. 28 Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ abannwa mu, na na ɔwɔ hɔ ara kɔsii da a wɔfaa Yerusalem no. |
The Bible Society of Ghana, 2012