Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 37 - New Revised Asante Twi Bible


Sedekia abɔfoɔ

1 Na Sedekia a ɔyɛ Yosia ba bɛdii hene sii Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba a Babelhene Nebukadnessar sii no Yuda asase so hene no ananmu.

2 Na ɔno ne ne nkoa ne asase no so nkurɔfoɔ antie AWURADE asɛm a ɔnam Odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no.

3 Na Ɔhene Sedekia somaa Selemia ba Yehukal ne Maaseia ba Ɔsɔfoɔ Sefania baa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn ɛ!

4 Nso na Yeremia di ɔman no mu ahyemfire, na na wɔmfaa no ntoo nneduafoɔ dan mu.

5 Na Farao dɔm afiri Misraim reba, na Kaldeafoɔ a wɔaka Yerusalem ahyɛ mu no tee wɔn nka no, wɔtu firii Yerusalem ho kɔe.

6 Ɛnna AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ:

7 Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛ monka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo me nkyɛn maa mobɛbisaa me hɔ adeɛ no nie: Hwɛ, Farao dɔm a wɔafiri rebɛboa mo no, wɔbɛsane akɔ Misraim wɔn asase so;

8 na Kaldeafoɔ no bɛsane aba ne kuro yi abɛko, na wɔagye, na wɔde ogya ahye.

9 Sɛ AWURADE seɛ nie: Monnnaadaa mo ho sɛ: Kaldeafoɔ afiri yɛn so kɔ, ɛfiri sɛ wɔrenkɔ.

10 Na sɛ mokum Kaldeafoɔ a wɔne mo reko no dɔm nyinaa ma no ka wɔn mu apirafoɔ mpo a, wɔbɛsɔresɔre wɔn ntomadan mu mmaako mmaako de ogya abɛhye kuro yi.


Wɔbu Yeremia ɔfatwafoɔ

11 Na ɛbaa sɛ, Kaldeafoɔ dɔm tu firii Yerusalem ho, Farao dɔm anim, kɔeɛ no,

12 Yeremia firii adi firii Yerusalem sɛ ɔrekɔ Benyamin asase so sɛ ɔrekɔgye ne kyɛfa nkurɔfoɔ no mu.

13 Na ɔduruu Benyamin ponkɛseɛ mu no, na awɛmfoɔ so panin bi wɔ hɔ a ne din de Yiria, Hanania ba Selemia ba, na ɔsɔɔ Odiyifoɔ Yeremia mu kaa sɛ: Kaldeafoɔ no nkyɛn na woawae rekorɔ.

14 Na Yeremia se: Dabi, ɛnte saa! Menyɛ deɛ wawae rekɔ Kaldeafoɔ nkyɛn. Na Yiria antie no, na ɔsɔɔ Yeremia mu de no kɔɔ mmapɔmma no nkyɛn.

15 Na mmapɔmma no bo fu tiaa Yeremia, na wɔhwee no, na wɔde no kɔtoo mpokyerɛfoɔ dan mu, Ɔtwerɛfoɔ Yonatan fie, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na wɔde ayɛ nneduafoɔ dan.


Ɔhene asɛmmisa

16 Ɛnna Yeremia kɔɔ amena dan no mu ne ntokuro no mu; na Yeremia tenaa hɔ nna pii.

17 Na Ɔhene Sedekia soma maa wɔkɔfaa no bae, na ɔhene no bisaa no kokoam, ne fie sɛ: AWURADE asɛm bi wɔ wo hɔ anaa? Na Yeremia se: Ebi wɔ hɔ. Na ɔse: Wɔde wo bɛhyɛ Babel hene nsa.

18 Na Yeremia ka kyerɛɛ Ɔhene Sedekia sɛ: Ɛdeɛn bɔne na mayɛ woɔ ne wo nkoa ne ɔman yi, na mode me ato nneduafoɔ dan mu yi?

19 Na ɛhefa na mo adiyifoɔ a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ: Babel hene remma mo ne asase yi so, no wɔ?

20 Na afei tie ɛ, me wura ɔhene, ma me nkotosrɛ nnuru w’anim, na mma wɔmmfa me nnsane nnkɔ Ɔtwerɛfoɔ Yonatan fie, na mankɔwu wɔ hɔ.

21 Ɛnna Ɔhene Sedekia hyɛ maa wɔhwɛɛ Yeremia so awɛmfoɔ abannwa mu, na da koro wɔma no paanoo mua firi paanootofoɔ borɔno mu, kɔsii sɛ paanoo nyinaa saa kuro no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ abannwa mu ara.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan