Yeremia 33 - New Revised Asante Twi BibleWɔgye wɔn firi Babel nsam 1 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn tiaa mprenu, berɛ a na ɔda so da duam awɛmfoɔ abannwa mu hɔ sɛ: 2 Sei na AWURADE a ɔyɛ adeɛ yi, AWURADE a ɔsiesie ma no si hɔ no, a AWURADE ne ne din no seɛ: 3 Frɛ me, na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nnoɔma a ahunta a wonhunuiɛ. 4 Na sei na AWURADE Israel Nyankopɔn no ka no kuro yi mu adan ne Yuda ahemfo adan a epie ne afena nti wɔburiiɛ no ho: 5 Wɔreba ne Kaldeafoɔ abɛko, na wɔde nnipa a mekumm wɔn m’abufuo ne m’abufuhyeɛ mu, na wɔn bɔne nyinaa nti, mede m’ani mahunta ɔman yi no afunu abɛhyɛ hɔ ma. 6 Hwɛ, me ara mede adeɛ ne nnuro bɛkyekyere ne kuro so, na masa wɔn yadeɛ, na matue asomdwoeɛ ne nokorɛ a ɛboro soɔ ama wɔn. 7 Na mede Yuda nnommum ne Israel nnommum bɛsane aba bio, na mede wɔn asi hɔ sɛ akane no, 8 na mɛte wɔn ho afiri wɔn amumuyɛ a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa mu, na mede wɔn amumuyɛ a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde afom me no nyinaa makyɛ wɔn. 9 Na kuro yi bɛdane me ahosan din, ayeyie ne animuonyam, asase so amanaman a wɔbɛte yie a mereyɛ wɔn no nyinaa nti, na wɔn akoma bɛtu, na wɔn ho apopo papa nyinaa ne asomdwoeɛdeɛ nyinaa a mɛyɛ mama no no ho. 10 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛha yi a moka sɛ asɛeɛ, a onipa ne aboa nni hɔ bio, Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno a ɛdeda mpan, a onipa ne okuromani ne aboa biara nni soɔ no so, 11 na wɔbɛte ahosan nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, wɔn a wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE yɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, no nne, ne wɔn a wɔde aseda ba AWURADE fie no nne bio, na mede asase no nnommum bɛsane aba sɛ akane no, AWURADE na ɔseɛ. 12 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɛha yi a asɛeɛ, a onipa ne aboa nni mu no, ne ɛso nkuro nyinaa mu na ɛbɛdane nnwanhwɛfoɔ a wɔma wɔn nnwan butubutu hɔ no adidibea bio, 13 mmepɔ so nkuro, Sefela nkuro ne Negeb nkuro mu ne Benyamin asase so ne Yerusalem ho ne Yuda nkuro mu na nnwan bɛfa ɔkanfoɔ nsa ase atwam bio, AWURADE na ɔseɛ. Dawid daakye aseni 14 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma asɛmpa a mekaa no Israel fie ne Yuda fie ho no aba mu. 15 Nna no mu ne berɛ no mu na mɛma tenenee ban afefɛ ama Dawid, na wabu atɛntenenee, ayɛ ade tenenee asase so. 16 Nna no mu na wɔbɛgye Yuda, na Yerusalem atena ase dwoodwoo, na deɛ wɔde bɛfrɛ no nie: AWURADE yɛn tenenee. 17 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔbarima a ɔbɛtena Israel fie adwa soɔ remmɔ Dawid da. 18 Na asɔfoɔ, Lewifoɔ no nso, ɔbarima a ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wahye aduane ayɛyɛdeɛ na wabɔ okum afɔdeɛ nna nyinaa remmɔ wɔn wɔ m’anim. Nyankopɔn daa apam 19 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 20 Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ mobɛtumi abubu m’awia apam ne m’anadwo apam no, na awia ne anadwo amma ne berɛ mu a, 21 ɛno ansa na wɔbɛbubu me ne m’akoa Dawid apam nso, na wannya ɔba a ɔbɛtena n’adwa so adi hene, ne me ne Lewifoɔ, asɔfoɔ a wɔyɛ m’asomfoɔ no, deɛ no nso. 22 Sɛdeɛ wɔntumi nkan ɔsoro asafo na wɔntumi nsusu mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔyɛ m’asomfoɔ no adɔre. 23 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 24 Wonhunuu deɛ ɔman yi reka sɛ: Mmusua mmienu a AWURADE yiiɛ no, wapo wɔn, no anaa? Na wɔbu me man animtia, sɛ wɔnnyɛ wɔn ani so ɔman bio. 25 Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ manhyɛ me ne awia ne anadwo apam ne ɔsoro ne asase ahyɛdeɛ no pintinn a, 26 ɛno ansa na anka mɛpo Yakob asefoɔ ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefoɔ mu nnipa a wɔbɛsi Abraham ne Isak ne Yakob asefoɔ soɔ. Na mede wɔn nnommum bɛsane aba, na mahu wɔn mmɔbɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012