Yeremia 32 - New Revised Asante Twi BibleYeremia tɔ afuo bi 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn Yudahene Sedekia afe a ɛtɔ so du a ɛne Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no soɔ nie. 2 Ɛno mu, na Babel hene dɔm aka Yerusalem ahyɛ mu, na Odiyifoɔ Yeremia da dua mu, Yuda ahemfie awɛmfoɔ abannwa mu. 3 Na Yudahene Sedekia ato no dua mu wɔ hɔ sɛ: Adɛn nti na wohyɛ nkɔm sɛ: Sei na AWURADE seɛ: Hwɛ, mede kuro yi merehyɛ Babel hene nsa, na wafa, 4 na Yudahene Sedekia rennya kwan mfiri Kaldeafoɔ nsa, na hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babel hene nsamu, na ɔne no de ano ne ano akasa, na ɔde n’ani ahunu n’ani, 5 na ɔde Sedekia bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ mɛba abɛhwɛ no, AWURADE asɛm nie. Sɛ mo ne Kaldeafoɔ ko a, ɛrensi mo yie. 6 Na Yeremia kaa sɛ: AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 7 Hwɛ, w’agya nua Salum ba Hanamel bɛba wo nkyɛn sɛ: Tɔ m’afuo a ɛwɔ Anatot no, na wo na ɛgyeɛ fata wo sɛ wobɛtɔ. 8 Ɛnna m’agya nua ba Hanamel baa me nkyɛn awɛmfoɔ abannwa no mu, sɛdeɛ AWURADE asɛm no kaeɛ no, bɛka kyerɛɛ me sɛ: Tɔ m’afuo a ɛwɔ Anatot, Benyamin asase soɔ no, na wo na adeɛ no die ne ne gyeɛ wɔ woɔ. Tɔ fa! Ɛnna mehunuu sɛ ɛyɛ AWURADE asɛm. 9 Na metɔɔ afuo no m’agya nua ba Hanamel a ɔwɔ Anatot no nkyɛn, na mekarii dwetɛ nnwetɛbena dunson memaa no. 10 Na metwerɛ hyɛɛ nwoma mu, na mesɔɔ ano, na mefrɛɛ adansefoɔ, na mede nsania karii dwetɛ no. 11 Na mede ɔtɔ nwoma a wɔasɔ ano no, deɛ wɔadi ano na wɔahyehyɛ no, ne deɛ ano da hɔ no, 12 na mede ɔtɔ nwoma no maa Maaseia ba Neria ba Baruk, m’agya nua Hanamel ne adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ɔtɔ nwoma no aseɛ no ne Yudafoɔ a wɔtete awɛmfoɔ abannwa mu hɔ no nyinaa anim. 13 Na wɔn anim mehyɛɛ Baruk sɛ: 14 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Fa nwoma yi, ɔtɔ nwoma a wɔasɔ ano yi ne nwoma a ano da hɔ yi, na fa hyɛ kukuo bi mu na akyɛre nna bebree. 15 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Wɔbɛtɔ adan ne mfuo ne nturo asase yi so bio. Yeremia mpaebɔ ne n’adesrɛ 16 Na mede ɔtɔ nwoma no maa Neria ba Baruk no, mebɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: 17 Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, wo na wode wo tumi kɛseɛ ne wo basa a atene ayɛ ɔsoro ne asase; biribiara nyɛ wo nwanwa; 18 woyɛ nnipa mpem mpem adɔeɛ, na wotua agyanom amumuyɛ so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyire kokom, wo Onyankopɔn kɛseɛ ne otumfoɔ a asafo AWURADE ne ne din no. 19 Wo a woso, agyinatuo mu na w’adeyɛ dɔɔso. Wo a w’ani bue hwɛ nnipa mma akwan nyinaa, sɛ wobɛma obiara sɛdeɛ n’akwan ne ne nneyɛɛ aba teɛ no. 20 Wo a woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ Misraim asase so de bɛsii nnɛ da yi, ne Israel ne nnipa nyinaa mu, na wode gyee din, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. 21 Na wode nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a atene ne ahudeɛ kɛseɛ yii wo man Israel firii Misraim asase so, 22 na womaa wɔn asase yi a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wode bɛma wɔn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. 23 Na wɔba bɛdii soɔ no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi. 24 Hwɛ, epie no reduru kuro no ho sɛ wɔrebɛgyeɛ, na wɔde kuro no bɛhyɛ Kaldeafoɔ a wɔne no reko no nsa, afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na nsɛm a wokaeɛ no aba mu, na hwɛ, wohunu. 25 Na wo, AWURADE Nyankopɔn ara, woka kyerɛɛ me sɛ: Fa dwetɛ tɔ afuo no, na hyɛ ho adansefoɔ. Nso kuro no na wɔde rehyɛ Kaldeafoɔ nsa yi. Nyankopɔn mmuaeɛ 26 Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 27 Hwɛ, me AWURADE ne ɔhonam nyinaa Nyankopɔn; biribi bɛyɛ me den anaa? 28 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede kuro yi merehyɛ Kaldeafoɔ nsa ne Babelhene Nebukadnessar nsa sɛ ɔmfa, 29 na Kaldeafoɔ a wɔne kuro yi reko no bɛba abɛto kuro yi mu gya, na wɔahye ɛno ne adan a wɔahye atifi aduhwam ama Baal na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforɔ, sɛ wɔde rehuru me boɔ no. 30 Na Israelfoɔ ne Yudafoɔ de m’anim bɔne yɛ ara nko firi wɔn mmeranteberɛ mu. Na ohuro nko ara na Israelfoɔ de wɔn nsa ano adwuma huru me boɔ, AWURADE asɛm nie. 31 Na abufuo ne abufuhyeɛ nko na kuro yi ahyɛ me, firi da a wɔkyekyereeɛ de abɛduru nnɛ da yi, sɛ menyi no mfiri m’anim, 32 Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɔne a wɔyɛɛ no, sɛ wɔde rehuru me boɔ no nyinaa nti, wɔn ne wɔn ahemfo, wɔn mmapɔmma, wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ ne Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ. 33 Na wɔdanedanee wɔn atikɔ kyerɛɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔtuaa nhema kyerɛkyerɛ wɔn, na wɔn deɛ, wɔantie sɛ wɔbɛgye nkyerɛkyerɛ. 34 Na wɔsisii wɔn akyiwadeɛ, efie a wɔde me din atoɔ no mu de guu ho fi. 35 Na wɔsisii Baal sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bonhwa mu no, sɛ wɔrema wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa afa ogya mu ama Molek, nso menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa m’akoma mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne. 36 Na afei saa nti, sei na AWURADE Israel Nyankopɔn ka no kuro yi a mose afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ nti, ɔde ahyɛ Babel hene nsa no ho. 37 Hwɛ, me ara mɛboa wɔn ano afiri nsase a m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne anibereɛ kɛseɛ mu mesunsumm wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn asane aba ha bio, na mama wɔatena ase dwoodwoo, 38 na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn. 39 Na mɛma wɔn akoma korɔ ne ɔkwan korɔ, na wɔasuro me daa nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma a wɔbɛdi wɔn akyire no yie. 40 Na me ne wɔn bɛpam daa apam, na merensane mfiri wɔn akyiri sɛ merenyɛ wɔn yie bio, na mede me suro bɛhyɛ wɔn akoma mu, na wɔamfiri me nkyɛn. 41 Na me ho bɛsane me wɔn ho sɛ mɛyɛ wɔn yie, na mede wɔn madua asase yi so nokorɛ mu, m’akoma nyinaa mu ne me kra nyinaa mu. 42 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ me bɔne kɛseɛ yi nyinaa aba ɔman yi soɔ no, saa ara na mɛma yie a maka no wɔn ho no nyinaa bɛba wɔn soɔ. 43 Na wɔbɛtɔ mfuo, asase yi a moka sɛ ayɛ amamfo a onipa ne aboa nni so bio a wɔde ahyɛ Kaldeafoɔ nsa no so; 44 wɔde sika bɛtotɔ mfuo, na wɔatwerɛ agu nwoma mu asosɔ ano ahyehyɛ ho adansefoɔ, Benyamin asase so ne Yerusalem ho, ne Yuda nkuro mu ne mmepɔ so nkuro mu, ne mmepɔ ase nkuro mu ne Negeb nkuro mu, na mede wɔn nnommum bɛsane aba, AWURADE asɛm nie. |
The Bible Society of Ghana, 2012