Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 31 - New Revised Asante Twi Bible


Israel ne Yuda daakye apam

1 Ɛberɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, mɛyɛ Israel mmusua no nyinaa wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.

2 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔman a wɔafiri mu afiri afena ano no anya adom ɛserɛ so; berɛ a na Israel rehwehwɛ ahome no.

3 AWURADE ama mahu no akyirikyiri. Na daa dɔ na mede madɔ woɔ, enti na matwe wo adɔeɛ soɔ.

4 Mɛsi wo bio, na woasi hɔ, O Israel baabunu; wobɛhyehyɛ wo mpintin aduradeɛ bio, na woafiri adi, agofoɔ asa mu.

5 Wobɛtɛ bobe nturo wɔ Samaria mmepɔ so bio; atɛfoɔ bɛtɛ, na wɔbɛdi so aba nso.

6 Na ɛda bi wɔ hɔ a awɛmfoɔ bɛteam wɔ Efraim kuro bepɔ so sɛ: Monsɔre mma yɛmforo nkɔ Sion, AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn.

7 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Monto Yakob ho ahurisie dwom, mommɔ ose mma amanaman sodifoɔ no. Momma wɔnte, monyi ayɛ, na monka sɛ: AWURADE, gye wo man, Israel nkaeɛ no nkwa.

8 Hwɛ, mede wɔn mefiri atifi fam asase so mereba, na makɔboa wɔn ano afiri asase ano tɔnn; wɔn mu anifirafoɔ ne mpakye, apemfoɔ ne mmaatan nyinaa wɔ mu bi; asafo yuu na wɔbɛsane aba.

9 Wɔde esu ne nkotosrɛ bɛba, na mɛdi wɔn anim de wɔn akɔ asutene ho, ɔkwan tee a wɔrensunti wɔ soɔ; na mayɛ Israel agya, na Efraim ne m’abakan.

10 Montie AWURADE asɛm, O amanaman, na monka no akyirikyiri nsuano aman so sɛ: Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan.

11 Na AWURADE agye Yakob, na wayi no afiri deɛ ɔyɛ den sene no nsam.

12 Na wɔbɛba abɛto ahurisie dwom, Sion sorɔnsorɔnbea hɔ, na wɔn ani aka AWURADE nnepa ho, aduane ne nsa ne ngo ne nnwammaa ne anantwie ho, na wɔn asetena ayɛ sɛ turo a anya nsuo pii, na wɔrenkɔ so ntɔ piti bio.

13 Ɛno na mmammaa ani bɛgye asa mu, na mmeranteɛ ne nkɔkoraa abom anya anigyeɛ; na mɛdane wɔn abooboodie ahosan, na makyekyere wɔn werɛ, na mama wɔn ani agye afiri wɔn awerɛhoɔ mu.

14 Na mɛma sradeɛ amee asɔfoɔ no kra, na me man adi me nnepa ameemee, AWURADE asɛm nie.

15 Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔte nne bi Rama, agyaadwotwa ne esu yaya. Rahel resu ne mma, na ɔmpene sɛ wɔkyekyere ne werɛ ne mma ho, ɛfiri sɛ wɔnni hɔ.

16 Sɛ AWURADE seɛ nie: Mua w’ano, na woansu, ne w’ani nso, na ampore nisuo, na w’adwuma so akatua wɔ hɔ, AWURADE asɛm nie, na wɔbɛsane afiri ɔtamfoɔ asase no so;

17 na anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye, AWURADE asɛm nie, wo mma bɛsane aba wɔn asase so bio.

18 Teɛ na mate mmom, sɛ Efraim redi abooboo sɛ: Woatwe m’aso, na m’aso atwe nso, sɛ nantwie ba a wɔnkyerɛkyerɛɛ no. Dane me, na madane aba, na wo, AWURADE, ne me Nyankopɔn.

19 Na me nsaneakyire akyi mesakyerae, na manya mahunu me ho yi, mebɔ me srɛ so; m’ani awu, na masopa mpo, ɛfiri sɛ mɛsɔ me mmeranteberɛ mu ahohora.

20 Efraim yɛ me ɔdɔ ba? Anaa abotɔyam ba? Sɛ dodoɔ ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkaeɛ ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa ma no, ɔno ho hyehyeɛ na me yam hyehye me ma no, AWURADE asɛm nie.

21 Hyɛ ɔkwan no nso fa, sisi kwankyerɛ adum fa, fa w’akoma si ɔtempɔn, ɔkwan a wofaa soɔ no so. Sane bra, O Israel baabunu, sane bra wo nkuro yi mu.

22 Wobɛwɔ ntwɛtwɛdɛ akɔsi da bɛn, O ɔbabaa akyirisanfoɔ? Na AWURADE abɔ ade foforɔ, asase so, ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban.

23 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Menya mede wɔn nnommum mesane ba a, wɔbɛsane aka asɛm yi Yuda asase so ne ne nkuro mu sɛ: AWURADE ahyira wo, tenenee tenabea, O bepɔ kronkron.

24 Na Yuda ne ne nkuro nyinaa bɛbom atena mu, akuafoɔ ne wɔn a wɔne mmoakuo di atutena.

25 Na mɛma ɔkra a watɔ bera ani so atete no, na mama akra a wɔatɔ piti nyinaa amee.

26 Yei so na menyaneeɛ, na mehwɛe, na me nna no tee me dɛ mu.

27 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛdua Israel fie ne Yuda fie mama nnipa ase ne mmoa ase akyene.

28 Na sɛdeɛ m’ani saa wɔn sɛ mɛtutu na mabubu na madwiri na masɛe na mayɛ no bɔne no, saa ara na m’ani bɛku wɔn ho sɛ mɛsi na madua, AWURADE asɛm nie.

29 Nna no mu no, wɔrenka bio sɛ: Agyanom adi abuntwerɛ, na mma se afem.

30 Na mmom obiara, ɔno ara n’amumuyɛ nti na ɔbɛwuo; onipa biara a ɔtwɛre abunu no na ne se bɛfem.

31 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ me ne Israel fie ne Yuda fie bɛpam apam foforɔ.

32 Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamm da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn firii Misraim asase soɔ a wɔn deɛ, wɔbubuu m’apam, berɛ a meyɛ wɔn kunu no, AWURADE asɛm nie.

33 Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, AWURADE asɛm nie: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn yam, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.

34 Na obiara renkyere ne yɔnko na obiara nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hunu AWURADE, na wɔn nyinaa bɛhu me afiri wɔn mu akumaa so akɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ so, AWURADE asɛm nie; na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.

35 Sei na AWURADE a ɔma owia haran awia na ɔhyɛ ɔsrane ne nsoromma ma no haran anadwo na ɔnu ɛpo mu ma n’asorɔkyeɛ huru a ne din de asafo AWURADE no seɛ:

36 Sɛ ahyɛdeɛ ahodoɔ yi sene firi m’ani so a, AWURADE asɛm nie, ɛno ansa na Israel asefoɔ nso bɛgyae ɔman yɛ, m’anim daa nyinaa.

37 Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ wɔtumi susu soro atifi, na wɔtumi bɔre asase nnyinasoɔ hunu wɔ fam a, ɛno ansa na me nso mɛpo Israel asefoɔ nyinaa, deɛ wɔayɛ no nyinaa nti, AWURADE asɛm nie.

38 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔbɛkyekyere kuro no ama AWURADE afiri Hananel abantenten ho akɔsi ntweaso ponkɛseɛ soɔ,

39 na susuhoma no bɛfiri hɔ ara afa ne ntentensoɔ afiri adi akɔduru Gareb kokoɔ so, na adane akɔ Goa,

40 na afunu ne nso bonhwa no nyinaa ne nsasewa a ɛkɔduru asuo Kidron ho nyinaa, kɔsi apɔnkɔ ponkɛseɛ ntweasoɔ wɔ apueeɛ no bɛyɛ kronkron ama AWURADE. Wɔrentutu na wɔrennwiri da biara da bio.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan