Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 30 - New Revised Asante Twi Bible


Israel ne Yuda nkrabea

1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no se:

2 Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ woɔ yi hyɛ nwoma mu fa.

3 Na hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mede me man Israel ne Yuda nnommum bɛsane aba, AWURADE na ɔseɛ, na mama wɔasane aba asase a mede memaa wɔn agyanom no so, na wɔabɛdi so.

4 Na yeinom ne nsɛm a AWURADE kaa no Israel ne Yuda ho no,

5 na sei na AWURADE seɛ: Yɛate ahopopoɔ nne, ehu aba, na asomdwoeɛ nni hɔ.

6 Mommisa ɛ, na monhwɛ, sɛ ɔbarima bɛko awoɔ anaa? Adɛn nti na mehunu mmarima nyinaa nsa sɛ ɛsisi wɔn asene, sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ deɛ, na obiara anim ayɛ fitaa yi?

7 Buei! Ɛda no so a ebi renyɛ sɛ ɛno, na ɛyɛ ahohiahia berɛ ma Yakob. Nanso wɔbɛfiri emu hɔ ara agye no nkwa.

8 Na ɛbɛba sɛ ɛda no, asafo AWURADE na ɔseɛ, mɛbubu ne kɔnnua afiri wo kɔn mu, na matete wo nkyehoma, na ananafoɔ renni no nya bio.

9 Na wɔbɛsom AWURADE, wɔn Nyankopɔn, ne wɔn hene Dawid a mɛma no so mama wɔn no.

10 Enti, nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm nie, na mma w’akoma nntu, O Israel, na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri, na magye w’asefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsane aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obiara renyi no hu.

11 Na medi w’akyiri sɛ mɛgye wo nkwa, AWURADE asɛm nie; na mɛma amanaman a mabɔ wo apete hɔ no nyinaa awie sa, nso wo deɛ, meremma wonwie sa, na mɛtwe w’aso atenetene so, na bem deɛ meremma wonni.

12 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Wo kuro aporɔ, wo pira nni asayɛ.

13 Obiara nni hɔ a ɔdi ma woɔ a ɔbɛtoto woɔ, nnuro ne ntaresoɔ nnoɔma nni hɔ mma wo.

14 W’adɔfo nyinaa werɛ afiri wo, wɔmmisa w’akyiri kwan. Na ɔtamfoɔ pira na mapira woɔ, otirimuɔdenfoɔ asotwe na mede atwe woɔ, w’amumuyɛ dodoɔ so, ɛnam sɛ wo bɔne mu yɛ den nti.

15 Adɛn na woteam wo kuro ho sɛ wo yea nni asayɛ? W’amumuyɛ dodoɔ, wo bɔne a emu yɛ den nti na mayɛ wo seyie yi.

16 Ɛno nti wɔn a wɔtete wo mu nyinaa, wɔbɛte wɔn mu, na wɔn a wɔhiahia wo ho nyinaa, wɔn nyinaa bɛkɔ nnommum mu, na wɔn a wɔtwa wo dwo no, wɔbɛtwa wɔn dwo, na wɔn a wɔfom wo fa nyinaa, mɛma wɔafom wɔn afa.

17 Na mɛkyekyere wo kuro, na masa w’apirakuro, AWURADE asɛm nie, ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo “Deɛ wɔapam no, Sion a obiara mmisa n’akyiri kwan.”

18 Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede Yakob ntomadan mu nnommum meresane aba, na me yam ahyehye me ne tenabea ho; na wɔbɛkyekyere kuro no ne daberɛ, na aban afɛfɛ nso bɛsi deɛ ɛsie.

19 Na wɔn mu na aseda nnwom ne agofoɔ nne bɛfirie; na mɛma wɔadɔɔso, na wɔrensua, na mɛhyɛ wɔn animuonyam, na wɔrenyɛ ketewa.

20 Na ne mma bɛyɛ sɛ akane no, na n’asafo no agyina m’anim pintinn, sɛ tete no, na mɛba mabɛtwe wɔn a wɔha no nyinaa aso.

21 Na wɔn hene bɛfiri wɔn ara wɔn mu, na wɔn sodifoɔ nso afiri wɔn mu, na mɛma no atwe apini, na ɔbɛbɛn me, na hwan ne deɛ ɔbɛsi ne bo sɛ ɔbɛbɛn me? AWURADE asɛm nie.

22 Na mobɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ mo Onyankopɔn.

23 Hwɛ, AWURADE ahum ne abufuhyeɛ retu, ahum a ɛdi kyinhyia ɛbɛsi abɔnefoɔ atifi.

24 AWURADE abufuo hyehyeɛ rensane, gye sɛ ayɛ n’akomam nsusuiɛ ama no atim ansa; nna a ɛdi akyire no mu na mobɛte yei aseɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan