Yeremia 29 - New Revised Asante Twi BibleNwoma a Yeremia de kɔmaa atukɔfoɔ no 1 Nso Odiyifoɔ Yeremia twerɛɛ nsɛm yi hyɛɛ nwoma mu de firi Yerusalem manee atukɔfoɔ no mu mpanimfoɔ nkaeɛ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne nkurɔfoɔ a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn firii Yerusalem kɔɔ Babel no nyinaa, 2 berɛ a Ɔhene Yekonia ne ɔhene ne na ne mpiafoɔ ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma ne adwumfoɔ ne atomfoɔ firii Yerusalem kɔeɛ no; 3 ɔde manee Safan ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yudahene Sedekia somaa wɔn maa wɔkɔɔ Babelhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babel no; ɛse: 4 Sei na asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka kyerɛɛ atukɔfoɔ a memaa wɔtuu wɔn firii Yerusalem kɔɔ Babel no nyinaa: 5 Monsisi adan na montena mu, na monyɛ nturo na monni mu aba. 6 Monwareware yerenom, na monwowo mmabanin ne mmammaa, na monwareware yerenom mma mo mma, na momfa mo mmammaa mmema ekununom awareɛ, na wɔnwowo mmabanin ne mmammaa, na monnɔɔso ɛhɔnom na moansua. 7 Na monhwehwɛ kuro a memaa wɔtuu mo kɔɔ hɔ no yiedie, na mommɔ AWURADE mpaeɛ mma no; na ne yiedie mu na mobɛdi yie. 8 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Mommma mo adiyifoɔ a wɔwɔ mo mu no ne mo nkɔmhyɛfoɔ no nnsisi mo, na monntie wɔn daeɛ a wɔsoso no, 9 na atorɔ mu na wɔde me din hyɛ mo nkɔm, mensomaa wɔn, AWURADE asɛm nie. 10 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Mfirinhyia aduɔson nya duru wɔ Babel a, mɛba mabɛhwɛ mo, na mama m’asɛmpa no aba mu ama mo, sɛ mede mo bɛsane aba ha yi. 11 Na me deɛ, menim adwene ko a meredwene mo ho, AWURADE asɛm nie, asomdwoeɛ adwene, na ɛnyɛ bɔne deɛ, sɛ merema mo awieeɛ pa ne anidasoɔ. 12 Na mobɛfrɛ me, na moakɔ akɔbɔ me mpaeɛ, na matie mo. 13 Na mobɛhwehwɛ me ahu me, ɛfiri sɛ mode mo akoma nyinaa bɛhwehwe m’akyiri kwan. 14 Na mɛma moahu me, AWURADE asɛm nie. Na mede mo nnommum bɛsane aba, na maboa mo ano afiri amanaman a mapam mo akɔ hɔ no nyinaa mu, AWURADE asɛm nie, na mede mo bɛsane aba deɛ memaa wɔtuu mo firi hɔ kɔeɛ no. 15 Ɛsiane sɛ moka sɛ: AWURADE ama adiyifoɔ so ama yɛn Babel nti, 16 sei na AWURADE ka no ɔhene a ɔte Dawid adwa soɔ no ne ɔman a wɔte kuro yi mu, mo nuanom a wɔne mo amfiri ankɔ tukorɔ no mu no nyinaa ho, 17 sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merema afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ aba wɔn mu, na mama wɔadane sɛ mmorɔdɔma porɔeɛ a yɛ a ɛnyɛ nti wɔntumi nnie. 18 Na mede afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛti wɔn, na mama wɔadwane wɔn ho asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadane nnome ne ahodwirideɛ ne fɛdie ne ahohoradeɛ, amanaman a mapam wɔn akɔ hɔ no mu, 19 ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm, AWURADE asɛm nie, sɛ mesomaa me nkoa adiyifoɔ maa wɔbaa wɔn nkyɛn, metuaa nhema mesomaa wɔn, nso moantie, AWURADE asɛm nie. 20 Enti montie AWURADE asɛm, mo atukɔfoɔ a mama moafiri Yerusalem akɔ Babel no nyinaa. 21 Sei na asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka no Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔde me din hyɛ mo nkɔntorɔ no ho: Hwɛ, mede wɔn merehyɛ Babelhene Nebukadnessar nsa, na wakum wɔn mo anim. 22 Na wɔmfa wɔn nyɛ nnome, Yuda atukɔfoɔ a wɔwɔ Babel no nyinaa anomu sɛ: AWURADE nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab a Babel hene de ogya hyee wɔn no, 23 ɛsiane sɛ wɔadi nkwaseasɛm Israel, na wɔafefa wɔn mfɛfoɔ yerenom, na wɔaka me din mu atorosɛm a menhyɛɛ wɔn, na me na menim, na mene danseni, AWURADE asɛm nie. Krataa a ɛfiri atukɔfoɔ hɔ a wɔde kɔma Ɔsɔfo panin Semaia 24 Na ka kyerɛ Nehelamni Semaia sɛ: 25 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wo ara wo din mu wode nwoma amane ɔman a ɛwɔ Yerusalem nyinaa ne Maaseia ba Ɔsɔfoɔ Sefania ne asɔfoɔ no nyinaa sɛ: 26 AWURADE ahyɛ wo sɔfoɔ asi Ɔsɔfoɔ Yehoiada ananmu, sɛ ɔhwɛfoɔ, sɛ hwɛ AWURADE fie nti, obiara a wabɔ dam na ɔhyɛ nkɔm, na woato no dua mu ne ɛdan mu nti, 27 afei, adɛn nti na woantwi Anatotni Yeremia a ɔhyɛ mo nkɔm no anim? 28 Ɛfiri sɛ wasoma ama wɔaba yɛn nkyɛn Babel sɛ: Ɛbɛkyɛ, monsisi adan ntena mu na monyɛ nturo nni mu aba! 29 Na Ɔsɔfoɔ Sefania kenkann nwoma yi guu Odiyifoɔ Yeremia aso mu. 30 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 31 Soma ma wɔnkɔse atukɔfoɔ no nyinaa sɛ: Sei na AWURADE ka no Nehelamni Semaia ho: Ɛsiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm, na mansoma no, na wama mode mo ho ato atorɔ soɔ nti, 32 sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mereba mabɛtwe Nehelamni Semaia ne n’asefoɔ aso, ɔrennya obi a ɔbɛtena ɔman yi mu a, ɔbɛhunu papa a merebɛyɛ me man no, AWURADE asɛm nie, ɛfiri sɛ waka atuateɛ atia AWURADE. |
The Bible Society of Ghana, 2012