Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 27 - New Revised Asante Twi Bible


Wɔmfa wɔn ho nhyɛ Babel kɔnnua ase

1 Yudahene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba ahennie mfitiaseɛ na asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa Yeremia hɔ sɛ:

2 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Yɛ nkyehoma ne kɔnnua fa, na fa hyɛ wo kɔn;

3 na fa abɔfoɔ a wɔbaa Yudahene Sedekia nkyɛn Yerusalem no so mane Edom hene, Moab hene, Amon mma hene, Tiro hene ne Sidon hene,

4 na hyɛ wɔn na wɔnkɔka nkyerɛ wɔn wuranom sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ monkɔka nkyerɛ mo wuranom nie:

5 Me na mede me tumi kɛseɛ ne me basa a atene meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛdeɛ ɛtene wɔ m’ani soɔ.

6 Na afei mede nsase yi nyinaa mahyɛ m’akoa Nebukadnessar, Babel hene no nsa, na mede wiram mmoa mpo mama no sɛ wɔnsom no.

7 Na amanaman nyinaa bɛsom no ne ne ba ne ne ba ba ara akɔsi sɛ ɔno nso n’asase berɛ bɛduro, na amanaman bebree ne ahemfo akɛseɛ ama no asom wɔn.

8 Na ɛbɛba sɛ ɔman ne ahennie a wɔnsom ɔno Babelhene Nebukadnessar na wɔmfa wɔn kɔn nhyɛ Babel hene kɔnnua aseɛ no, afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛba abɛtwe ɔman no aso, AWURADE asɛm nie, akɔsi sɛ mɛdwerɛ wɔn ne nsam.

9 Enti monntie mo adiyifoɔ ne mo nkɔmhyɛfoɔ ne mo daeɛ ne mo akɔmfoɔ ne mo ntafowayifoɔ a wɔka kyerɛ mo sɛ morensom Babel hene no,

10 na nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo, deɛ ɛbɛyɛ na wɔayi mo afiri mo asase so akɔ akyirikyirie, na masunsum mo na moayera.

11 Na ɔman a ɛde ne kɔn hyɛ Babel kɔnnua aseɛ na ɛsom no no, mɛma no aka n’asase so, AWURADE asɛm nie, na wɔadɔ so atena so.

12 Na mekasa mekyerɛɛ Yudahene Sedekia sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa teɛ sɛ: Momfa mo kɔn nhyɛ Babel kɔnnua ase, na monsom no ne ne man, na moanya nkwa.

13 Adɛn nti na wo ne wo man rebɛwuwu afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ ɔman a ɛrensom Babel hene no?

14 Na monntie adiyifoɔ a wɔse mo sɛ: Monnsom Babel hene no, ɛfiri sɛ nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo.

15 Na mensomaa wɔn, AWURADE asɛm nie, na wɔn ara na wɔde me din hyɛ nkɔntorɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na masunsum mo, na moayera, mo ne mo adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no.

16 Na asɔfoɔ no ne ɔman yi nyinaa, meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ: Hwɛ, ɛrenkyɛre koraa na wɔde AWURADE fie nnoɔma no bɛsane afiri Babel aba, no nsɛm, na nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo.

17 Monntie wɔn; monsom Babel hene na monnya nkwa, adɛn nti na kuro yi nnane akurofo?

18 Na sɛ wɔyɛ adiyifoɔ, na sɛ AWURADE asɛm wɔ wɔn hɔ a, ma wɔnkoto nsrɛ asafo AWURADE, na nnoɔma a aka AWURADE fie ne Yuda hene fie ne Yerusalem no ankɔ Babel.

19 Na sei na asafo AWURADE ka no adum ne ɛpo ne nsugyeɛ nnaka ne nnoɔma a aka kuro yi mu nkaeɛ no ho,

20 nnoɔma a Babelhene Nebukadnessar tuu Yudahene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma firi Yerusalem kɔɔ Babel no wamfa ankorɔ no,

21 sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka wɔ nnoɔma a ɛkaa AWURADE fie ne Yuda hene fie ne Yerusalem ho nie:

22 Wɔde bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɛbɛtena akɔsi da a mɛba mabɛhwɛ wɔn, AWURADE asɛm nie, na mede wɔn asane aba ha.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan