Yeremia 26 - New Revised Asante Twi BibleWɔbɔ Yeremia duam na wɔgyae no 1 Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba ahennie mfitiaseɛ na asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa sɛ: 2 Sɛ AWURADE seɛ nie: Kɔgyina AWURADE fie abannwa mu, na Yuda nkuro a wɔba AWURADE fie asɔre no nyinaa, ka nsɛm a mehyɛ wo sɛ ka kyerɛ wɔn no nyinaa gu wɔn so; nyi mu asɛm biara; 3 ebia wɔbɛtie, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, na manu me ho, bɔne a ɛwɔ me tirim sɛ wɔn nneyɛɛ bɔne nti mɛyɛ wɔn no ho. 4 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ montie me nni me mmara a mede mesii mo anim no so, 5 na montie me nkoa adiyifoɔ a meresoma wɔn mo nkyɛn a metua nhema mesoma wɔn, na moantie wɔn nsɛm no a, 6 ɛno deɛ mɛyɛ efie yi sɛ Silo, na mede kuro yi bɛyɛ nnome mama asase so amanaman nyinaa. 7 Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa tee sɛ Yeremia reka nsɛm yi AWURADE fie. 8 Na Yeremia wiee nsɛm nyinaa a AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa ka no, asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa kyeree no kaa sɛ: Wuo na wobɛwuo. 9 Adɛn nti na wode AWURADE din hyɛ nkɔm sɛ: Efie yi bɛyɛ sɛ Silo, na kuro yi bɛsɛe a obi rentena mu? Na ɔman no nyinaa bɛhyiaa AWURADE fie tiaa Yeremia. 10 Na Yuda mmapɔmma tee nsɛm yi no, wɔfiri ahemfie foro baa AWURADE fie, na wɔbɛtenaa ase, AWURADE Ponkɛseɛ Foforɔ no ano. 11 Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ mmapɔmma ne ɔman no nyinaa sɛ: Wɔmmu ɔbarima yi kumfɔ, ɛfiri sɛ wahyɛ kuro yi ho nkɔm sɛdeɛ mo aso teeɛ no. 12 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa sɛ: AWURADE na asoma me sɛ memmɛhyɛ efie yi ne kuro yi ho nkɔm menka nsɛm a moteeɛ no nyinaa. 13 Na afei montenetene mo akwan ne mo nneyɛɛ, na montie AWURADE mo Nyankopɔn, na AWURADE nnu ne ho bɔne a ɔkaa no mo ho no ho. 14 Na me deɛ, hwɛ, mewɔ mo nsam, monyɛ me sɛdeɛ ɛyɛ na ɛtene mo ani soɔ. 15 Hunu nko na monhunu sɛ, sɛ moku me a, mogya a ɛdi bem na mobɛhwie agu mo ne kuro yi ne emutefoɔ soɔ, na nokorɛ mu, AWURADE na asoma me mo nkyɛn, sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa ngu mo aso mu. 16 Ɛnna mmapɔmma ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: Ɔbarima yi nsɛ wuo, ɛfiri sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu na ɔkasa kyerɛɛ yɛn. 17 Na mmarima bi firi asase no so mpanimfoɔ mu sɔree, na wɔka kyerɛɛ ɔman badwafoɔ no nyinaa sɛ: 18 Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔbɛfuntum Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane nkunkumaboɔ akuakuo, na efie no bepɔ no adane kwaeɛ mu sorɔnsorɔmmea. 19 Kum na Yudahene Hesekia ne Yuda nyinaa kum no anaa? Ɛnyɛ AWURADE na ɔsuroo no, na ɔkoto srɛɛ AWURADE, na AWURADE nso nuu ne ho bɔne a ɔka guu wɔn soɔ no ho? Na yɛn deɛ, yɛreyɛ bɔne kɛse atia yɛn kra yi? Odiyifoɔ Uria nkrabea 20 Na ɔbarima bi nso wɔ hɔ a ɔbɛkaa adiyisɛm AWURADE din mu, Semaia ba Uria a ɔfiri Kiriat-yearim, na ɔhyɛɛ kuro yi ne asase yi ho nkɔm sɛ Yeremia deɛ no ara. 21 Na Ɔhene Yehoiakim ne ne nnɔmmarima nyinaa ne asafohene no nyinaa tee ne nsɛm no, anka ɔhene rehwehwɛ no aku no. Na Uria tee, na ɔsuroe, na ɔdwane kɔɔ Misraim. 22 Na Ɔhene Yehoiakim somaa mmarima bi kɔɔ Misraim, mekyerɛ Akbor ba Elnatan ne mmarima bi a wɔka ne ho, 23 na wɔfaa Uria firii Misraim de no brɛɛ Ɔhene Yehoiakim, na ɔde afena kumm no, na ɔtoo ne funu twenee teman mufoɔ ada so. 24 Nso Safat ba Ahikam nsa na na ɛda Yeremia ho, deɛ ɛbɛyɛ na wɔamfa no anhyɛ ɔman no nsa na wɔanku no. |
The Bible Society of Ghana, 2012