Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 24 - New Revised Asante Twi Bible


Mmorɔdɔma nkɛntɛn mmienu no ho anisoadehunu

1 AWURADE maa mehwɛe, na hwɛ, mmorɔdɔma nkɛntɛn mmienu a wɔde asisi AWURADE asɔredan anim nie, ɛberɛ a Babelhene Nebukadnessar tuu Yudahene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda asafohene ne adwumfoɔ ne atomfoɔ firii Yerusalem kɔɔ Babel no.

2 Kɛntɛn baako mu wɔ mmorɔdɔma pa ara a ɛte sɛ mmorɔdɔma a abere kane, na kɛntɛn baako no mu wɔ mmorɔdɔma a ɛnyɛ koraa a yɛ a ɛnyɛ no nti wɔntumi nnie.

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Yeremia, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mmorɔdɔma; mmorɔdɔma pa no deɛ, ɛyɛ sɛ, na deɛ ɛnyɛ no, ɛnyɛ koraa, na yɛ a ɛnyɛ nti wɔntumi nni.

4 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

5 Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mmorɔdɔma pa yi teɛ no, saa ara na mɛbu tukɔfoɔ a memaa wɔfirii ha yi kɔɔ Kaldeafoɔ asase soɔ no mayɛ wɔn yie;

6 na mede m’ani bɛhwɛ wɔn papa, na mede wɔn masane aba asase yi so; na mede wɔn bɛsisi hɔ, na merendwiri wɔn, na mɛdua wɔn, na merentutu wɔn.

7 Na mɛma wɔn akoma a wɔde bɛhu me sɛ mene AWURADE, na wɔadane me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsane aba me nkyɛn.

8 Na sɛ mmorɔdɔma bɔne a yɛ a ɛnyɛ nti, wɔntumi nnie no teɛ no, sɛ AWURADE seɛ nie: Saa ara na mɛyi Yudahene Sedekia ne n’asafohene ne Yerusalem nkaeɛ a wɔaka asase yi soɔ no, ne wɔn a wɔte Misraim asase soɔ no mama,

9 na mama wɔadwane wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadanedane ahohora ne akasabebuo, ɛfene ne nnome baabiara a mɛsunsum wɔn akorɔ;

10 na mɛma afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ aba wɔn mu akɔsi sɛ wɔbɛsa koraa afiri asase a mede memaa wɔn ne wɔn agyanom no soɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan