Yeremia 22 - New Revised Asante Twi BibleWɔbɔ ahemfiefoɔ kɔkɔ. Atemmuo no 1 Sɛ AWURADE seɛ nie: Siane kɔ Yuda hene fie, na kɔka asɛm yi hɔ sɛ: 2 Tie AWURADE asɛm, Yuda hene a wote Dawid akonnwa soɔ no, wo ne wo nkoa ne wo man a wɔfa apono yi mu ba mu no. 3 Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommu atɛntenenee nyɛ ade tenenee, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ, monnhom wɔn so, mommmɔ wɔn atirimuɔden, na mogya a ɛdi bem nso, monnhwie nngu wɔ ha yi. 4 Na sɛ modi asɛm yi so ampa a, ɛnneɛ ahemfo a ɛtete Dawid akonnwa soɔ bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so abɛfa efie yi apono akɛseɛ mu aba mu, wɔn ne ne nkoa ne wɔn man. 5 Na sɛ moantie nsɛm yi a, ɛnneɛ maka me ho ntam, AWURADE asɛm nie, sɛ efie yi bɛdane fituo. 6 Na sɛ AWURADE ka fa Yuda hene fie ho nie: Woyɛ me sɛ Gilead, ne Lebanon atifi, nanso mɛdane wo anwea pradada so, nkuro a wɔnte mu! 7 Na mereyi asɛefoɔ atia wo, wɔn akodeɛ kurakura wɔn, na wɔabubu wo ntweneduro a wɔayie no de agu ogya mu. 8 Na amanaman pii bɛtwam kuro yi ho, na wɔasese wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛnam deɛn so nti na AWURADE ayɛ kuro kɛseɛ yi seyie? 9 Na wɔbɛbua wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn Nyankopɔn apam, na wɔakɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn. 10 Monnsu owufoɔ na monnnyam no. Esu mmom na monsu deɛ ɔrekorɔ no, na ɔrensane mma bio mmɛhunu n’awoɔ asase. Yosia mma ho atemmusɛm 11 Na sɛ AWURADE ka no Salum a ɔyɛ Yudahene Yosia ba a ɔsii n’agya Yosia anan mu dii hene, a ɔfiri ha kɔeɛ no ho nie: Ɔrensane mma ha bio, 12 na deɛ wɔatu no korɔ no, ɛhɔ na ɔbɛwuo, na ɔrenhunu asase yi bio. 13 Deɛ ɔfa ɔkwan a ɛntene so kyekyere ne fie, na ɔde asisie si n’abansoro, na ɔma ne yɔnko yɛ adwuma kwa, na ɔmfa n’akatua mma no no nnue! 14 Deɛ ɔka sɛ: Mɛsi dan a emu baeɛ ayɛ mu abansoro adan a ɛsoso pii mafa, na ɔtwitwa mu mpomma na ɔde ntweneduro sam mu, na ɔde adukɔkɔɔ sra mu! 15 W’ani abere tweneduro ho yi nti, ɛyɛ wo sɛ woyɛ ɔhene? W’agya annidi annom wammu atɛntenenee anyɛ ade tenenee? Ɛno nti nso na ɛsii no yie. 16 Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa no, enti nso na ɛsii no yie. Ɛnyɛ yei ne me ho nimdeɛ? AWURADE asɛm nie. 17 Nanso w’ani ne w’akoma nni hwee so sɛ wo mfasoɔ bɔne, ne mogya a ɛdi bem so sɛ ɛngu fam, ne amim ne nhyɛsoɔ so sɛ wobɛyɛ. 18 Ɛno nti sɛ AWURADE ka no Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba no ho nie: Wɔrennyam no nka sɛ: Due, me nuabarima, anaa: Due, onuabaa! Wɔrennyam no nka sɛ: Due, owura! anaa: Due, n’animuonyam! 19 Afunumu sie na wɔde bɛsie no, wɔbɛtwe no ato no atwene Yerusalem apono akyiri. 20 Foro kɔ Lebanon kɔsu, na ma wo nne so wɔ Basan, na team firi Abarim, ɛfiri sɛ wɔadwerɛ w’adɔfo nyinaa. 21 Wodii yie no, mekasa mekyerɛɛ wo, na wose: Merentie. Wo kwan a wofa so nie firi wo mmabaaberɛ mu, sɛ wontie me. 22 Mframa bɛyɛne w’ayɛnfoɔ nyinaa, na w’adɔfo bɛkɔ nnommumfa mu; ɛno ansa na w’ani bɛwuo na w’anim agu ase, wo bɔne nyinaa ho. 23 Wo a wote Lebanon ayɛ wo pirebuo ntweneduro soɔ no, sɛ ɔyea ne awoko a ɛte sɛ ɔbaa wofoɔ deɛ ba wo so a, sɛdeɛ wobɛsi ayɛ mmɔbɔ afa. 24 Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE asɛm nie, sɛ Yudahene Konia, a ɔyɛ Yehoiakim ba no yɛ me nifa so nsɔanokaa mpo a, anka mɛte no afiri hɔ. 25 Na mede wo bɛhyɛ wɔn a wɔhwehwɛ wo kra no nsa, ne wɔn a wosuro wɔn anim no nsa, ne Babelhene Nebukadnessar ne Kaldeafoɔ nsa; 26 na mɛpra wo ne wo na a ɔwoo woɔ no akɔ asase bi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo so, na ɛhɔ ara na mobɛwuwuo, 27 na asase a wɔn kra pɛ sɛ wɔbɛsane aba soɔ no, wɔrensane mma hɔ bio. 28 Ɔbarima Konia yi ayɛ sɛ anwonneɛ a abɔ na wɔmmuo, anaa adeɛ bi a obiara ani nnye ho? Adɛn nti na wɔto no ne n’asefoɔ gu asase a wɔnnim soɔ so yi? 29 O asase, asase, asase, tie AWURADE asɛm! 30 Sɛ AWURADE seɛ nie: Montwerɛ wɔ ɔbarima yi ho sɛ ɔyɛ deɛ ɔnni ba, ɔbarima a ɔrenni yie ne nna mu, na n’asefoɔ mu obiara a ɔbɛtena Dawid ahennwa soɔ na wadi Yuda so bio no, renni yie. |
The Bible Society of Ghana, 2012