Yeremia 21 - New Revised Asante Twi BibleYerusalem asehweɛ ho nkɔmhyɛ 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, berɛ a Ɔhene Sedekia somaa Malkia ba Pasur ne Maaseia ba Ɔsɔfoɔ Sefania baa ne nkyɛn sɛ: 2 Bisa AWURADE hɔ adeɛ ma yɛn, ɛfiri sɛ Babelhene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako, ebia AWURADE ne yɛn bɛdi no sɛdeɛ n’anwanwadeɛ no nyinaa teɛ no, na wafiri yɛn so akɔ. 3 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 4 Monka nkyerɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meredane mo nsam akodeɛ a mode ne Babel hene ne Kaldeafoɔ a wɔabɛtua mo ɔfasuo akyire rebɛko no, na maboa ano maba kuro yi mfimfini. 5 Na me ara mede nsa a atene ne basa a ɛyɛ den ne abufuo ne abohuro ne anibereɛ kɛseɛ ne mo bɛko, 6 na mabɔ kuro yi mufoɔ, nnipa ne mmoa. Owuyadeɛ kɛseɛ ano na wɔbɛwuo. 7 Na ɛno akyiri no, AWURADE asɛm nie, mɛyi Yudahene Sedekia, ne ne nkoa, ne ɔman no ne nnipa a wɔaka kuro yi mu, a wɔafiri owuyadeɛ ne afena ne ɛkɔm mu no mahyɛ Babelhene Nebukadnessar nsa, ne wɔn atamfoɔ nsa, ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsa, na wɔakunkum wɔn afena ano, ɔrenkame wɔn na ɔrente mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ. 8 Na ɔman yi nso, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede nkwa kwan ne owuo kwan meregu mo anim, 9 deɛ ɔtena kuro yi mu no bɛwu afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na deɛ ɔfiri adie de ne ho kɔma Kaldeafoɔ a wɔbɛtua mo no, ɔbɛnya nkwa, na ne kra adane Negeb no asadeɛ. 10 Na mede m’ani makari kuro yi sɛ bɔne na ɛmmra ne soɔ, na ɛnyɛ papa, AWURADE asɛm nie, wɔde bɛhyɛ Babel hene nsa na ɔde ogya ahye. 11 Na ka kyerɛ Yuda hene fie sɛ: Montie AWURADE asɛm: 12 Dawid fie, sɛ AWURADE seɛ nie: Monni asɛntenenee anɔpa, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na m’abufuhyeɛ amfiri sɛ ogya ammɛhye a obi rennum, mo nneyɛɛ bɔne nti. 13 Hwɛ, me ne mo a mote bonhwa mu, asaseta so botan soɔ no anya, AWURADE asɛm nie, mo a moka sɛ: Hwan na ɔbɛsiane aba yɛn soɔ, na hwan na ɔbɛba yɛn tenabea no? 14 Na mɛba mabɛtua mo ka sɛ mo nneyɛɛ aba no teɛ, AWURADE asɛm nie, na mɛsɔ ogya wɔ ne kwaeɛ mu, na ahye ne nnoɔma nyinaa ahyia. |
The Bible Society of Ghana, 2012