Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 19 - New Revised Asante Twi Bible


Yuda sɛeɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ bi

1 Sɛ AWURADE kaeɛ nie: Kɔ na kɔtɔ ɔnwomfoɔ kuruwa bi, na fa ɔman no mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ no bi ka wo ho,

2 na firi adi kɔ Hinom ba bonhwa a ɛwɔ anwomfoɔ pono ano no mu, na pae nsɛm a mɛka akyerɛ wo no wɔ hɔ.

3 Na ka sɛ: Montie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ, sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede adebɔne mereba ɛha yi a obiara a ɔbɛteɛ no, n’aso mu bɛyɛ no kyeww.

4 Ɛsiane sɛ wɔagya me, na wɔadi ananafoɔ asɛm wɔ ɛha yi, na wɔahye aduhwam wɔ ha ama anyame foforɔ a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo nhunuu wɔn pɛn, na wɔde bemdifoɔ mogya ahyɛ ɛha yi ma.

5 Na wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea, de gya hye wɔn mma abobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Baal, nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’adwene mu da.

6 Saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm nie, nna bi reba a wɔremfrɛ ha yi sɛ Tofet anaasɛ Hinom ba bonhwa bio, na mmom wɔbɛfrɛ no Okum Bonhwa.

7 Na mɛma Yuda ne Yerusalem agyina ayɛ hunu ɛha yi, na mama wɔatotɔ afena ano, wɔn atamfoɔ anim ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsam, na mede wɔn afunu mama ewiem nnomaa ne wiram mmoa adi.

8 Na mɛyɛ kuro yi amamfo ne fɛdie adeɛ, obiara a ɔbɛtwam wɔ ho no, ne sɛeɛ no nyinaa nti ne ho bɛdwiri no na wabɔ hwerɛma hweehwee.

9 Na mɛma wɔadi wɔn mmammarima nam ne wɔn mmammaa nam, na wɔbɛdi wɔn ho wɔn ho nam, ahohiahia ne ahodwan a wɔn atamfoɔ ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no de bɛdwan wɔn ho no mu.

10 Na bɔ kuruwa no mmarima a wɔne wo bɛkorɔ no anim,

11 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ wɔbɔ ɔnwomfoɔ kukuo a wɔntumi nyɛ no yie bio no, saa ara na mɛbɔ ɔman yi ne kuro yi. Na Tofet ara na wɔbɛsie wɔn, ɛfiri sɛ wɔrennya baabi nsie bio.

12 Saa ara na mɛyɛ ɛha yi ne ɛhafoɔ, AWURADE asɛm nie, na mɛyɛ kuro yi sɛ Tofet.

13 Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie no ho bɛgu fi sɛ Tofet hɔ, adan a wɔahyehye atifi aduhwam ama ɔsoro asafo no nyinaa, na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforɔ no nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.

14 Ɛnna Yeremia firii Tofet, deɛ AWURADE somaa no adiyisɛm ka hɔ baeɛ, na ɔkɔgyinaa AWURADE fie abannwa mu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ:

15 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a maka agu kuro yi soɔ no nyinaa bɛba ɛno ne ɛho nkuro nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔasene wɔn kɔn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔantie me nsɛm.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan