Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 17 - New Revised Asante Twi Bible


Yuda bɔne ne n’asotwe

1 Yuda bɔne no, wɔde dadeɛ twerɛdua ne hyerɛmmoɔ ano na atwerɛ, wɔakurukyire no wɔn akoma apono so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so,

2 berɛ a wɔn mma kae wɔn afɔrebukyia ne wɔn Asera nnua, dua frɔmfrɔm ne nkokoɔ sorɔnsorɔn soɔ no.

3 Me bepɔ ne ɛho asase, mede w’ahodeɛ ne w’akoradeɛ nyinaa bɛma na wɔafom, ne wo sorɔnsorɔmmea no nso, w’asase yi nyinaa so bɔne nti.

4 Na wobɛgya w’agyapadeɛ a mede memaa woɔ no ato hɔ, na mɛma woasom w’atamfo, asase a wonnim soɔ so, ɛfiri sɛ moasɔ m’abufuo mu gya a ɛbɛdɛre daa.

5 Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa soɔ, na ɔde honam yɛ ne basa, na n’akoma atwe afiri AWURADE ho.

6 Ɔte sɛ dua a ɛsi anwea pradada so, na ɔrenhunu sɛ papa reba, na ɔbɛtena ɛserɛ so nkyɛkyerɛ so, ne nkyene asase a obiara nte soɔ so.

7 Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to AWURADE soɔ, na AWURADE yɛ n’anidasoɔ.

8 Na ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔatɛ no nsunoa, na ne nhini tentene kɔ asuo no ho. Na sɛ ahuhuro ba a, ɛnyɛ no hu, na ɛso ahahan bɛyɛ frɔmfrɔm, na sukɔm afe mu nso, ɛrempo, na ɛnnyae aba soɔ.

9 Akoma wɔ hɔ yi, ɛyɛ nnaadaa sene adeɛ nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔne pa ara, hwan na ɔbɛnya mu ahunuyɛ?

10 Me, AWURADE, na mehwehwɛ adwene mu, na mesɔ akoma mehwɛ, na mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan teɛ, sɛdeɛ ne nneyɛɛ aba no teɛ.

11 Deɛ ɔrepɛ adeɛ anya, na ɔnnya no tenenee soɔ no, te sɛ akokɔhwedeɛ a ɔbutu nkosua a ɛnyɛ ɔno ara na ɔtoeɛ soɔ, ɔbɛbu ne nna mu fa agya, na n’awieeɛ mu ɔbɛyɛ ɔkwasea.

12 Animuonyam ahennwa a ɛsi sorɔnsorɔn soɔ firi teteete no, ne yɛn kronkronbea,

13 AWURADE, Israel anidasoɔ, wɔn a wɔgya woɔ nyinaa ani bɛwuwu; wɔn a wɔsane firi m’akyire no, wɔbɛtwerɛ wɔn din, asase so, ɛfiri sɛ wɔagya nkwa asutire AWURADE.

14 AWURADE, sa me yadeɛ na menya ahoɔden; gye me, na manya nkwa; na wone m’ayeyie.

15 Hwɛ, wɔn deɛ, wɔka kyerɛ me sɛ: Ɛhe na AWURADE asɛm no wɔ? Ma no mmra ɛ!

16 Nso me deɛ, menhyɛɛ wo sɛ ma bɔne mmra, na menhwɛɛ mmusuo da no kwan, wo ara wonim. Deɛ ɛfiri m’anomu baeɛ no, ɛda w’anim hɔ.

17 Nyɛ me deɛ oyi me hu, me dwanekɔbea ne wo, ɛda bɔne mu.

18 Ma m’ataafoɔ ani nwuwu, na me deɛ, mma m’ani nnwu; wɔn deɛ, ma wɔn akoma ntu, na me deɛ, mma m’akoma nntu; fa da bɔne no bra wɔn so, fa obubuo mmɔho bubu wɔn.


Homedadie ho afotuo

19 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ kɔgyina ɔmanfoɔ ponkɛseɛ a Yuda ahemfo di mu ahyemfire no mu ne Yerusalem aponkɛseɛ nyinaa mu,

20 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Montie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yuda man nyinaa ne Yerusalemfoɔ a mofa apono yi mu ba mu nyinaa!

21 Sɛ AWURADE seɛ nie: Monhwɛ mo kra so yie, na monnsoa adesoa biara homeda mmfa mmfa Yerusalem apono mu mmma mu;

22 na monnsoa adesoa biara nso mmfiri mo afie mu mmfiri adi homeda, na monnyɛ adwuma biara; na monni homeda no kronkron, sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no.

23 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔsenee wɔn kɔn kyenkyirenn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔantie na wɔampene atenetene.

24 Na ɛbɛba sɛ, AWURADE asɛm nie, sɛ motie me, na momfa adesoa biara mfa kuro yi apono mu mma mu homeda, na modi homeda no kronkron, nyɛ emu adwuma biara a,

25 ɛnneɛ ahemfo ne asafohene a wɔbɛtena Dawid adwa soɔ bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, wɔne wɔn asafohene, Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, wɔbɛfa kuro yi apono mu aba mu. Na nnipa bɛtena kuro yi mu daa.

26 Na wɔbɛfiri Yuda nkuro mu, ne deɛ ɛwowɔ Yerusalem ho, ne Benyamin asase soɔ ne mmepɔ ase ne mmepɔ so, ne Negeb aba de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ ne aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo aba, na wɔde ayeyie afɔdeɛ aba AWURADE fie.

27 Nanso sɛ moantie me, anni homeda no kronkron na, mosoa adesoa bi fa Yerusalem apono mu homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ n’apono mu gya, na ahye Yerusalem aban afɛfɛ no, na wɔrennum.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan