Yeremia 16 - New Revised Asante Twi BibleƆman no sɛeɛ 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Nware yere, na nnya mmabanin ne mmammaa wɔ ha yi. 3 Na sɛdeɛ AWURADE ka no mmabanin ne mmammaa a wɔwo wɔn ha yi, ne wɔn nanom a wɔwɔ wɔn ne wɔn agyanom a wɔwo wɔn asase yi soɔ no ho nie: 4 Owuyadeɛ bɛbobɔ wɔn ama wɔawuwu. Wɔrenyɛ wɔn ayie, na wɔrensie wɔn; wɔbɛdane sumina wɔ asase ani. Na afena ne ɛkɔm bɛdwerɛ wɔn, na wɔn afunu ayeyɛ ewiem nnomaa ne asase so mmoa aduane. 5 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Nhyɛne efie a wɔsu mu mu, na nkɔ ayie ase na nnyam wɔn, ɛfiri sɛ mayi m’asomdwoeɛ afiri ɔman yi so, AWURADE asɛm nie, mayi adɔeɛ ne mmɔborɔhunu. 6 Na nnipa akɛseɛ ne nkumaa bɛwuwu asase yi so; wɔrensie wɔn na wɔrenyɛ wɔn ayie, na obiara remmɔ ne hɔ akam, obiara remmɔ tikwa mma wɔn, 7 na wɔremmubu paanoo mma wɔn, ayie ase, sɛ wɔde rema wɔn due, owufoɔ no ho, na wɔremma wɔn awerɛkyekyerɛ kuruwa, obi n’agya ne ne na ho. 8 Na nkɔ nsanom fie, nso wo ne wɔn nkɔtena ase nnidi nnom. 9 Na sɛdeɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Hwɛ, merema ahosɛpɛ nne, ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne, ne ayeforɔ nne to atwa ɛha yi, mo ani so ne mo berɛ yi so. 10 Na ɛbɛba sɛ woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔman yi na wɔka kyerɛ wo sɛ: Adɛn nti na AWURADE ka adebɔne kɛseɛ yi gu yɛn soɔ yi, na ɛdeɛn ne yɛn amumuyɛ, anaasɛ ɛdeɛn ne yɛn bɔne a yɛayɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no? 11 Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Ɛsiane sɛ mo agyanom agya me, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔdi anyame foforɔ akyi asom wɔn asɔre wɔn, na me deɛ, wɔagya me, na me mmara nso, wɔanni so, 12 na mo nso, modi asɛmmɔne sene mo agyanom, na hwɛ, mo nyinaa monam di mo akoma bɔne denyɛ akyi a montie me, 13 enti mɛto mo afiri asase yi so agu asase bi a mo ne mo agyanom nnim soɔ so, na moakɔsom anyame foforɔ wɔ hɔ, awia ne anadwo, ɛfiri sɛ merenhu mo mmɔbɔ. Nkwagyeɛ ho nkɔmhyɛ 14 Saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm nie, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israelfoɔ firii Misraim asase so baeɛ no te aseɛ yi, 15 na mmom wɔbɛka sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israelfoɔ firii atifi fam asase so, ne nsase a ɔpamm wɔn kɔɔ hɔ nyinaa soɔ no te aseɛ yi. Na mede wɔn bɛsane aba wɔn asase a mede memaa wɔn agyanom no so. Apofofoɔ ne abɔmmɔfoɔ 16 Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofoɔ pii aba, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔyi wɔn, na yei akyiri no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfoɔ pii aba na wɔakɔtwe wɔn afiri mmepɔ nyinaa so ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu. 17 Na m’ani hwɛ wɔn akwan nyinaa, ɛnhunta me, na wɔn amumuyɛ nso, ɛso nkataa m’anim. 18 Na mɛtua wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so ka mmɔho, sɛ wɔagu m’asase ho fi, wɔde wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ afunu ahyɛ m’agyapadeɛ no ma. Nkwagyeɛ berɛ 19 O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban denden, me dwanekɔbea ahohiahia da mu, wo nkyɛn na amanaman bɛfiri asase anoano aba abɛka sɛ: Atorɔ nko ne yɛn agyanom awunnyadeɛ no, ahuhudeɛ a mfasoɔ nni mu. 20 Onipa bɛyɛ anyame a wɔnyɛ anyame afa? 21 Ɛno nti, hwɛ, mɛma wɔahunu prɛko, mɛma wɔahunu m’ahoɔden ne me tumi, na wɔahunu sɛ, me din ne AWURADE. |
The Bible Society of Ghana, 2012