Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 15 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel mpo bɛgyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; yi wɔn firi m’ani so na ma wɔnkɔ!

2 Na sɛ wɔbisa wo sɛ; Ɛhe fa na yɛmfiri nkorɔ, a? Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Deɛ ɔsɛ wuo no, nkɔ wuo mu, na deɛ ɔsɛ afena ano no, nkɔ afena ano, na deɛ ɔsɛ ɛkɔm no, nkɔ ɛkɔm mu, na deɛ ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu.

3 Na nnoɔma ahodoɔ nnan na mɛma aba wɔn soɔ, AWURADE asɛm nie, afena a wɔde bɛkum wɔn, ne akraman a wɔbɛtete wɔn, ne ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.

4 Na mɛma wɔadwane wɔn ho, asase so ahennie nyinaa mu, Yudahene Manase a ɔyɛ Hesekia ba, ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Yerusalem no nti.


Ɔsa mu amanehunu

5 Na hwan na ɔbɛhu wo mmɔbɔ, Yerusalem? Na hwan na ɔbɛma wo due? Na hwan na ɔbɛmane akɔbisa deɛ w’asomdwoeɛ no wɔ?

6 Woapa me, AWURADE asɛm nie, na wo nsaneakyire no kɔ so ara; enti na metenee me nsa wo soɔ, na mesɛee woɔ. Mabrɛ ne mmɔborɔhunu.

7 Na mede nhusoɔ apaawa mahu wɔn so, asase no mmoboano, makunkum wɔn mma, masɛe me man a wɔansane amfiri wɔn akwan soɔ no.

8 Mama wɔn akunafoɔ adɔɔso asene mpoano anwea, mede ɔsɛefoɔ maba mmeranteɛ no so awia ketee, mama binimbɔ ne nketenkete agu wɔn so mpofirim;

9 ɔbaa a wawo nson ahodwo, watɔ piti; adeɛ nnya nsaeɛ no, na n’awia atɔ, n’ani awu na n’anim agu ase; na mɛyi wɔn nkaeɛ mama afena, wɔn atamfoɔ anim, AWURADE asɛm nie.


Odiyifoɔ no abooboo

10 Mennue, me na, sɛ wowoo me, onipa a asase no nyinaa ne me ham, yiyi atɛn. Memfɛm nnyee mfɛntomu na obiara mfɛm me bi, nanso wɔn nyinaa dome me.

11 AWURADE se: Ampa ara, mɛgye wo ama no ayɛ yie, ampa ara, mɛma ɔtamfoɔ abɛpa wo kyɛw, berɛ bɔne ne ahohiahia berɛ mu.

12 Dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bɛtumi abu dadeɛ a ɛfiri atifi fam anaa?

13 Mɛma wɔafom mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ, na wɔrentua ka, mo bɔne a moayɛ no mo asase no nyinaa soɔ no nyinaa nti;

14 na mɛma mo ne mo atamfoɔ no asene akɔ asase bi a monnim soɔ so, ɛfiri sɛ ogya bi asɔ m’abufuo mu a ɛbɛdɛre mo soɔ.

15 Wo, AWURADE, wonim. Kae me na bɛhwɛ me, na tɔ were ma me, m’atifoɔ so; wo bo a ɛkyɛre fuo no nti mfa me nkɔ; hunu sɛ wo nti na mesoa ahohora.

16 Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduane, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛ ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, O AWURADE, asafo Nyankopɔn.

17 Mantena aserefoɔ dwabɔ mu manni ahurisie; wo nsa nti, me nko na metenaeɛ, ɛfiri sɛ wode abufuo ahyɛ me ma.

18 Adɛn nti na me yea wɔ hɔ daa yi, na me kuro ayɛ nkudaa a wɔsa a, ɛnsa yi? Wobɛyɛ sɛ asuo a ɛdi hwammɔ a ɛnnyina ama me anaa?

19 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ wosane a, mede wo bɛsane aba; na woabɛgyina m’anim; na sɛ woka nyansasɛm daa a, wobɛyɛ sɛ m’ano; wɔn deɛ, wɔbɛdane aba wo nkyɛn, na wo deɛ, worensane nkɔ wɔn nkyɛn.

20 Na mede wo bɛsi hɔ mama ɔman yi sɛ kɔbere mfrafraeɛ fasuo denden, na wɔne wo ko a, wɔrentumi wo, ɛfiri sɛ me na medi w’akyire na magye wo na mayi wo, AWURADE asɛm nie.

21 Na mɛyi wo afiri abɔnefoɔ nsam, na magye wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan