Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 14 - New Revised Asante Twi Bible


Ɛweɛ berɛ ne emu hia

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn ɛfa osuo a ɛrentɔ ho no nie:

2 Yuda di abooboo na n’aponkɛseɛ agogo, wɔboa fam si wɔn tiri ase twann, na Yerusalem nteamu foro kɔ soro.

3 Na wɔn mu akɛseɛ soma nkumaa no nsuosa; wɔba nsubɔnhwa ano, wɔnnya nsuo; wɔde wɔn nhina hunu sane ba, wɔn ani awuwu, wɔn anim agu ase, wɔkatakata wɔn ti.

4 Osuo a ɛntɔ asase no soɔ na fam awo pɛsɛɛ nti, akuafoɔ ani awuwu, wɔakatakata wɔn ti.

5 Na mfofo so forotebereɛ nso, ɔwo a, ɔgya ne mma, ɛfiri sɛ wira biara nni hɔ.

6 Na ɛserɛ so mfunumu gyinagyina mpampa so, wɔhome mframa sɛ ɛserɛ so kraman, wɔn ani ayɛ siamoo, ɛfiri sɛ nhahan biara nni hɔ.

7 Sɛ yɛn amumuyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biribi, na yɛn nsaneakyire adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne.

8 O Israel anidasoɔ, wo a wogye wɔn ohia berɛ mu, ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔhoɔ, sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo?

9 Ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wɔatu n’akoma, sɛ dɔmmarima a ɔntumi nnye nkwa? Nso wo ara na wowɔ yɛn mfimfini, AWURADE, na wɔde wo din ato yɛn; nnya yɛn hɔ.

10 Sɛ AWURADE ka wɔ ɔman yi ho nie: Saa ara na wɔpɛ sɛ wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, wɔansi wɔn nan kwan; enti AWURADE nso ani nsɔ wɔn; afei na wakae wɔn amumuyɛ rebɛtua wɔn bɔne so ka.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mpa kyɛw nsrɛ papa mma ɔman yi.

12 Sɛ wɔdi mmuada mpo a, merentie wɔn nkotosrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ a, m’ani rensɔ wɔn, na afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛdwerɛ wɔn koraa.

13 Na mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn sɛ: Morenhunu afena, na ɛkɔm remma mo so, na nokorɛ asomdwoeɛ na mede bɛma mo ɛha yi.

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atorɔ na adiyifoɔ no de hyɛ me din mu nkɔm; mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn, na menkasa menkyerɛɛ wɔn; atorɔ anisoadehunu ne nkɔmhyɛ ne asɛnhunu ne wɔn akoma mu nnaadaa na wɔka kyerɛ mo yi.

15 Ɛno nti sɛ AWURADE ka adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn deɛ, wɔka sɛ: Afena ne ɛkɔm remma asase yi so, no ho nie: Afena ne ɛkɔm ara na ɛbɛdwerɛ adiyifoɔ no.

16 Na ɔman a adiyifoɔ no hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, ɛkɔm ne afena no nti wɔbɛgugu Yerusalem mmorɔno so, na obiara biara nni hɔ a ɔbɛsie wɔn, wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa nyinaa; na mɛma wɔn bɔne abua wɔn atifi.

17 Enti ka nsɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: M’ani porepore nisuo anadwo ne awia, na ɛnnyae, ɛfiri sɛ wɔde bobɔ kɛseɛ abobɔ me man babaa baabunu, wɔapira no ma no ayɛ ya sɛ.

18 Sɛ mefiri mekɔ wiram a, hwɛ, afena ano atɔfoɔ nie; na sɛ meba kuro mu a, hwɛ, ɛkɔm ano atɔfo nie; na odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa kyinkyini asase no so, nso wɔnnim deɛ wɔrekorɔ.


Odiyifoɔ no dima

19 Toɔ na woato Yuda atwene, anaasɛ Sion ho ayɛ wo kra nwunu? Ɛdeɛn nti na woabubu yɛn na yɛnni ɔyaresafoɔ yi? Yɛhwɛ asomdwoeɛ kwan, nso papa biara amma; yɛhwɛ ɔyaresa berɛ kwan nso, na hwɛ, akomatuo na ɛwɔ hɔ.

20 O AWURADE, yɛahunu yɛn abususɛm, yɛn agyanom amumuyɛ, sɛ yɛayɛ wo bɔne.

21 Wo din nti, mpa yɛn; ngu w’animuonyam adwa no anim ase; kae, mmubu w’apam a ɛda yɛne wo ntam no.

22 Amanaman ahoni no mu bi wɔ hɔ a wɔma osuo torɔ? Anaasɛ ɔsoro bɛtumi ama asuso atue? Ɛnyɛ wo, AWURADE yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan, ɛfiri sɛ wo ara na woayɛ yeinom nyinaa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan