Yeremia 13 - New Revised Asante Twi BibleƆman no seanteɛ 1 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ na kɔtɔ nwera abɔsoɔ na fa bɔ w’asene, na mfa mmɔ nsuo mu. 2 Ɛnna medii AWURADE asɛm no soɔ, kɔtɔɔ abɔsoɔ no, na mede mebɔɔ m’asene. 3 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn, ne mprenu soɔ sɛ: 4 Fa abɔsoɔ a wotɔeɛ a ɛbɔ w’asene no, na sɔre kɔ Eufrate, na fa kɔhyɛ ɔbotan tokuro mu. 5 Na mesii mu mede mekɔhintaa Eufrate, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ me no. 6 Na nna pii akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Eufrate, na kɔfa abɔsoɔ a mehyɛɛ wo sɛ fa kɔsie hɔ no bra. 7 Na mesii mu mekɔɔ Eufrate, na mekɔbɔre mefaa abɔsoɔ no firii deɛ mede mekɔsieɛ no; na hwɛ, na abɔsoɔ no asu, ɛnyɛ mma hwee. 8 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 9 Sɛ AWURADE seɛ nie: Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan bebrebe no. 10 Ɔmammɔne yi a wɔmpɛ sɛ wɔtie me nsɛm, na wɔnam wɔn akoma denyɛ mu, na wɔdi anyame foforɔ akyiri som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔsoɔ a ɛnyɛ mma hwee yi. 11 Na sɛdeɛ abɔsoɔ fam onipa asene no, saa ara na mama Israel fie nyinaa ne Yuda fie nyinaa afam me ho, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔnyɛ me ɔman, ne din ne ayeyie, ne animuonyam, nanso wɔantie. 12 Enti ka asɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa ma ma. Na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Nim na yɛnnim sɛ nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa amaama anaa? 13 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mɛma asase yi sofoɔ nyinaa, ne ahemfo a wɔtete Dawid adwa soɔ, ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ, ne Yerusalemfoɔ nyinaa aboboro titaa. 14 Na mede wɔn bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm nie. Merenhu wɔn mmɔbɔ, na merennya tema mma wɔn, na me yam renhyehye me, sɛ merensɛe wɔn. Kɔkɔbɔ, abooboodie ne duema 15 Montie, na monyɛ aso; monnyɛ ahantan, na AWURADE na akasa. 16 Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn animuonyam ansa na wama sum aduru, ansa na mo nan asunti mmepɔ kusuu no, na morehwɛ hann kwan a, wadane no sunsum, na wama sum kabii aduru. 17 Na sɛ moantie a, me kra bɛsu kokoam, mo ahantan nti, na m’ani afiri nisuo ara, na nisuo aporepore me, sɛ wɔafa AWURADE nnwankuo no nnommum mu. 18 Se ɔhene ne ɔhemmaa no sɛ: Mommrɛ mo ho ase ntena ase, na mo animuonyam abotire afiri mo atifi atɔ. 19 Wɔatoto Negeb nkuro no mu, na obiara nni hɔ a ɔbɛhini; wɔatu Yuda nyinaa kɔ nnommum mu, wɔatu wɔn kɔ korakora. 20 Ma w’ani so na hwɛ wɔn a wɔfiri atifi fam reba yi, ɛhe na wo mmoakuo a wɔde maa woɔ, w’animuonyam nnwankuo no wɔ? 21 Sɛ ɔde wɔn a wo ara woayɛne wɔn sɛ wo nnamfonom si wo so atitire a, ɛdeɛn na wobɛka? Awoɔ renka wo sɛ ɔbaa wofoɔ anaa? 22 Na sɛ wose no w’akoma mu sɛ: Ɛdeɛn nti na yeinom ato me yi a, w’amumuyɛ bebree nti na wɔayi w’atadeɛ nhyɛaseɛ adie, wɔahyɛ wo nantin yea. 23 Etiopiani bɛtumi asakyera ne wedeɛ, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakyera ne ho nworonnworan? Ɛnneɛ mo nso mobɛtumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwa mo. 24 Enti mɛbɔ wɔn apete sɛ ntɛtɛ a anwea pradada so mframa de no rekorɔ. 25 Yei ne w’adeɛ a wobɛnya, wo kyɛfa a masusu mama woɔ, AWURADE asɛm nie, ɛfiri sɛ wo werɛ afiri me, na wode wo ho ato atorɔ so. 26 Na me nso mɛyi w’atadeɛ nhyɛaseɛ mabua w’anim, na wɔahunu w’ahohora no. 27 W’akyiwadeɛ a ɛne w’awaresɛeɛ, ne wo hwenemporeɛ, w’adwamammɔ atantanneɛ, wiram nkokoɔ so, na mahunu. Due, O Yerusalem! Ɛnkɔsi da bɛn na wo ho bɛte bio? |
The Bible Society of Ghana, 2012