Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 12 - New Revised Asante Twi Bible


Yeremia asɛmmisa ne n’abooboodie

1 O AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wodi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie na nkɔnkɔnsafoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn?

2 Wotɛ wɔn, na wɔgye nhini; wɔnyinyini na wɔsoso aba nso; wobɛn wɔn ano, na wo ne wɔn akoma ntam twe.

3 Nanso wo, AWURADE, wonim me; wohu me; na wosɔ m’akoma hwɛ, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ wo fam. Tutu wɔn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn, na hyira wɔn so sie ma okum da.

4 Ɛnkɔsi da bɛn na asase no nni abooboo, na afuom ahahan ntwintwam? Ɛsofoɔ bɔne no nti mmoa ne nnomaa awie sa, ɛfiri sɛ wɔka sɛ: Ɔrenhunu yɛn awieeɛ.

5 Sɛ wo ne anammɔnfoɔ mpo tu mmirika na wɔma wobrɛ a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ bɛsi ammirikakane? Na sɛ asase a ɛso da hɔ no so mpo, wohwe ase a, ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn Yordan kwaeɛ no mu?

6 Na wo nuanom nso ne w’agya fie, wɔn mpo twa wo nkontompo, wɔn nso wɔteam denden di w’akyi; sɛ wɔka nnɔkɔnnɔkɔsɛm kyerɛ wo a, nnye wɔn nni.

7 Magya me fie, mato m’agyapadeɛ agu; mede me kra dɔfoɔ mahyɛ n’atamfo nsa.

8 M’agyapadeɛ adane me sɛ kwaeɛ mu gyata; wama ne nne so atia me, enti na makyiri no.

9 M’agyapadeɛ adane me ɔkɔdeɛ a ɔda nso? Akɔdeɛ atwa ho ahyia? Monkɔ nkɔboaboa wiram mmoadoma nyinaa ano mmra, na wɔmmɛdidi.

10 Mmoahwɛfoɔ pii asɛe me bobeturo atiatia me kyɛfa so, wɔadane me kyɛfa fɛfɛ no ayɛ no ɛserɛ pataa;

11 wɔasɛe no pasaa, ayɛ dwerɛbee di me ho abooboo; wɔasɛe asase no nyinaa, nso obiara nni hɔ a ɔde sie n’akoma mu.

12 Asɛefoɔ aba anwea pradada so mpampa nyinaa so, na AWURADE afena retwitwa afiri asase ano akɔsi asase ano; asomdwoeɛ nni hɔ mma ɔhonam biara.

13 Wɔguu ayuo, na wɔtwaa nnwerɛ; wɔbrɛe, na wɔannya mu hwee. Na wɔn ani bɛwuwu mo nnɔbaeɛ ho, AWURADE abufuhyeɛ no nti.


AWURADE bɛdom wɔn a wɔnu wɔn ho

14 Sei na AWURADE ka no wɔn a wɔtete me ho no nyinaa ho: Nnipa bɔne a wɔde wɔn nsa aka agyapadeɛ a mede memaa me man Israel sɛ wɔnnie no, hwɛ, meretutu wɔn afiri wɔn asase so, na mɛtu Yuda fie afiri wɔn mu.

15 Na ɛbɛba sɛ matu wɔn no akyiri no, mɛsane mahu wɔn mmɔbɔ, na mede wɔn nyinaa asane aba wɔn agyapadeɛ mu ne wɔn asase so mmaako mmaako.

16 Na sɛ wɔbɛsua me man akwan yie, aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi; sɛdeɛ wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a; ɛnneɛ wɔbɛyɛne wɔn wɔ me man mu.

17 Na sɛ wɔantie a, ɛnneɛ mɛtu saa ɔman no agu, mɛtutu na masɛe wɔn, AWURADE asɛm nie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan