Sefania 1 - New Revised Asante Twi BibleAWURADE atemmuo da no 1 AWURADE asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba Gedalia ba Amaria ba Hesekia ba nkyɛn, Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ soɔ nie. 2 Pra na mɛpra ade nyinaa afiri asase ani akorɔ, AWURADE asɛm nie. 3 Mɛpra onipa ne aboa akɔ, mɛpra ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa akɔ, ne suntidua ɛne abɔnefoɔ, na matwitwa nnipa afiri asase ani agu, AWURADE asɛm nie. 4 Na mɛtene me nsa, Yuda so ne Yerusalemfoɔ nyinaa so, na mɛtwa Baal nkaeɛ ne abosomfoɔ asɔfoɔ ne AWURADE asɔfoɔ a wɔapo no no din afiri ha yi agu, 5 ne wɔn a wɔsɔre ewiem nnoɔma wɔ adan atifi, ne asɔrefoɔ a wɔkeka AWURADE ntam na wɔkeka Milkom ntam 6 ne wɔn a wɔsane firi AWURADE akyi ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ AWURADE na wɔmmisaa n’akyiri kwan no. 7 Monyɛ komm AWURADE Nyankopɔn anim, na AWURADE da no abɛn, na AWURADE asiesie okum afɔdeɛ, wadwira wɔn a wafrɛ wɔn no. 8 Na AWURADE kum afɔdeɛ da no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma no ne wɔn a wɔhyɛ ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso. 9 Na ɛda no, mɛtwe obiara a ɔhuri tra aponnwa aso, wɔn a wɔde ɔhyɛ ne nsisie hyehyɛ wɔn wuranom afie amaama. 10 Na ɛda no, AWURADE asɛm nie, esu nne bɛfiri Mpataa Pono no ano, na adwotwa afiri Ɔfa a ɛtɔ so Mmienu no mu, na ɔsɛeɛ kɛseɛ afiri nkokoɔ no so aba. 11 Montwa adwo, mo a mote Mortar no, ɛfiri sɛ wɔasɛe adwadifoɔ asafo no nyinaa, na wɔatwitwa wɔn a wɔasoa dwetɛ nyinaa. 12 Na ɛberɛ no mu mede nkanea bɛhwehwɛ Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔagya wɔn ho ama bɔne no aso, wɔn a wɔse no wɔn akoma mu sɛ: AWURADE renyɛ ho hwee. 13 Na wɔn ahonyadeɛ bɛdane fomfa adeɛ, na wɔn afie adeda mpan. Wɔbɛsisi adan, na wɔrentena mu, na wɔbɛyɛ bobe nturo, na wɔrennom mu nsa. 14 AWURADE da kɛseɛ no abɛn, abɛn na ɛrepɛ ntɛm sɛ; AWURADE da no nne yɛ nwono sɛ! ɔdɔmmarima team denden wɔ hɔ. 15 Ɛda no yɛ anibereɛ da, ahohiahia ne ahokyere da, ɔsɛeɛ ne amamfoyɛ da, esum ne kusuuyɛ da, mununkum ne kusukuukuu da, 16 totorobɛnto ne osebɔ da a ɛreba afasuo mu nkuro ne aban atentene ano sorɔnsorɔn soɔ. 17 Na mɛhiahia nnipa ho na wɔanante sɛ anifirafoɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na wɔayɛ no bɔne; na wɔn mogya bɛgu sɛ mfuturo, na mato wɔn honam agu sɛ sɛbeɛ. 18 Wɔn sika ne wɔn dwetɛ nso rentumi nnye wɔn AWURADE abufuo da no, na ne ninkuntwe gya no mu na asase no nyinaa bɛhyeɛ, na ɔdwerɛ a ɛba mpofirim ara na ɔde bɛba asase sofoɔ nyinaa soɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012