Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Sakaria 13 - New Revised Asante Twi Bible


Apam foforɔ no mu dom mayɛ

1 Ɛda no wɔbɛbue nsuo aniwa ano ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de adwira wɔn ho, bɔne ne ahokum ho.

2 Na ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mɛtwitwa abosonhuhuo din afiri asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifoɔ no ne afi honhom no afiri asase no so akɔ.

3 Na sɛ obi bɛda so ahyɛ nkɔm a, n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛka akyerɛ no sɛ: Worennya nkwa, ɛfiri sɛ woaka AWURADE din mu atorosɛm. Na ne nkɔmhyɛ no nti na n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛhwire ne mu.

4 Na ɛda no adiyifoɔ no ani bɛwuwu wɔn adehunu ho, wɔn nkɔmhyɛ no mu, wɔremfira enwi ngusoɔ mfa nsisi bio.

5 Na wɔn mu biara bɛka sɛ: Menyɛ odiyifoɔ, meyɛ onipa a ɔdɔ, na mayɛ kua firi me mmɔfraase.

6 Na obi bisa no sɛ: Akuro bɛn na ɛwɔ wo nsa mu yi? Ɔbɛka sɛ: Pira a wɔpiraa me, m’adɔfo fie no ne no.


Wɔbɔ nnwan no hwete

7 Afena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo AWURADE asɛm nie; bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no nhwete, na mɛdane me nsa aba nkumaa no so.

8 Na wɔbɛtwitwa asase no nyinaa so nkyɛmu mmienu ma no adwerɛ, nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔbɛgya no wɔ so, AWURADE asɛm nie.

9 Na mede nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛfa ogya mu, na manane wɔn sɛdeɛ wɔnane dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛdeɛ wɔyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mɛbua wɔn. Mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn!

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan