Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Sakaria 12 - New Revised Asante Twi Bible


Onyankopɔn bɛgye Yerusalem

1 AWURADE atemmusɛm a ɛfa Israel ho, AWURADE a ɔtrɛ ɔsoro mu na ɔto asase fapem na ɔnwono onipa honhom wɔ ne mu no asɛm nie:

2 Hwɛ, mede Yerusalem bɛyɛ ntintantɔ kuruwa ama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na sɛ wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso.

3 Na da no, mede Yerusalem bɛyɛ tɔkwaboba ama aman nyinaa. Wɔn a wɔbɛma soɔ nyinaa bɛpirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano atia no.

4 Ɛda no, AWURADE asɛm nie, mede ahodwirie bɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefoɔ. Na mɛbue m’ani Yuda fie so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifira bɛbobɔ wɔn.

5 Na Yuda abusua bɛka no wɔn akoma mu sɛ: Yerusalemfoɔ yɛ me ahoɔden wɔ asafo AWURADE wɔn Nyankopɔn mu.

6 Ɛda no mede Yuda mmusua no bɛyɛ sɛ nnyina mu ogya ayowa, ne afiafi mu tɛnee, na ahye aman a atwa ho ahyia nyinaa, benkum ne nifa so, na Yerusalem bɛtena n’ananmu, Yerusalem ara.

7 Na AWURADE bɛgye Yuda ntomadan kane, na Dawid fie animuonyam ne Yerusalemfoɔ animuonyam amma wɔn ho so antia Yuda.

8 Ɛda no, AWURADE bɛwowa Yerusalemfoɔ, na wɔn mu deɛ ɔyɛ mmerɛ no, ɛda no ɔbɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fie bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ AWURADE bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim.

9 Na ɛda no, mɛhwehwɛ amanaman a wɔbaa Yerusalem soɔ no nyinaa masɛe wɔn.


Honhom ho bɔhyɛ. Adwotwa

10 Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.

11 Ɛda no agyaadwotwirɛ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon agyaadwotware no, Megido bonhwa mu,

12 na asase no bɛtwa agyaadwo, abusua abusua; Dawid fie abusua nko ne wɔn yerenom nko, Natan fie abusua nko ne wɔn yerenom nko,

13 Lewifoɔ abusua nko ne wɔn yerenom nko, Simei fie abusua nko ne wɔn yerenom nko;

14 mmusua a aka no nyinaa, mmusua mmusua nkorɛnkorɛ ne wɔn yerenom nkorɛnkorɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan