Sakaria 11 - New Revised Asante Twi Bible1 Lebanon, hinihini w’apono, na ogya nhye wo ntweneduro no! 2 Pepeaa, twa adwo, na tweneduro ahwe fam, ɛfiri sɛ akunini asɛe; Basan adum, montwa adwo, na kwaeɛ a ɛkorɔn abrɛ ase. 3 Nnwanhwɛfoɔ adwotwa gyegye, na wɔn animuonyam asɛe; agyataburuwa mmobomu gyegye, na Yordan ahohyehyɛdeɛ asɛe. Odiyifoɔ no nnwanhwɛ adwuma 4 Sei na AWURADE me Nyankopɔn kaeɛ: Yɛne okum nnwankuo 5 a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkumm wɔn na wɔnni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka AWURADE, na manya adeɛ; na wɔn ahwɛfoɔ nso nnodo wɔn ho. 6 Na merennodo asase no sofoɔ ho bio, AWURADE asɛm nie. Na hwɛ, merema nnipa atotɔ wɔn yɔnkonom nsam, ne wɔn ahemfo nsam, na wɔabobɔ asase no, na merenyi obiara mfiri wɔn nsam. 7 Na meyɛnee okum nnwankuo no, nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ no wɔ mu saa ara; na mefaa mpoma mmienu, mefrɛɛ baako sɛ: Adom, na mefrɛɛ baako sɛ: Nkyekyerebomu; na meyɛnee nnwankuo no. 8 Na metwaa nnwanhwɛfoɔ no mu baasa twenee wɔ bosome baako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahomete, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwunu. 9 Ɛnna mekaa sɛ: Merenyɛne mo bio. Deɛ ɔwuo no nwu, na deɛ wɔtwa no twene no, wɔntwa no ntwene, na wɔn a wɔaka no, ɔbaako nni ne yɔnko nam. 10 Na mefaa me poma Adom no mebuu mu, sɛ meretue m’apam a me ne aman nyinaa pameeɛ no. 11 Na wɔtuee no da no ara, na ekuo no mu nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ a wɔhwɛɛ me no hunuu sɛ AWURADE asɛm ne no. 12 Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛyɛ mo ani so a, momfa m’akatua mmra, na sɛ ɛnte saa a, monnyae. Na wɔkarii m’akatua, dwetɛ nnwetɛbena aduasa. 13 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: To twene sikakorabea hɔ, ɛboɔ a ɛyɛ nyam a wɔde abɔ me no ne no. Na mefaa dwetɛ nnwetɛbena aduasa no meto twenee AWURADE fie sikakorabea hɔ. 14 Na mebuu me dua baako Nkyekyerebomu no mu, sɛ wɔnsɛe Yuda ne Israel ntam onuayɛ no. Nnwanhwɛfoɔ huhuo no 15 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sane fa odwanhwɛfoɔ kwasea adeɛ fa! 16 Na hwɛ, merema odwanhwɛfoɔ bi so asase no so a deɛ ɛreseɛ no, ɛrenhwɛ, deɛ apansam no, ɔrenhwehwɛ, na deɛ abubuo no, ɔrensa no yadeɛ; deɛ ɛwɔ ahoɔden no nso, ɔrennyegye no, na deɛ adɔ sradeɛ no nam na ɔbɛdie, na wapaepae wɔn ntɔte mu. 17 Odwanhwɛfoɔ hunu a ɔgya nnwankuo no nnue! Afena bɛba ne basa ne n’ani nifa so; ne basa bɛwu, na n’ani nifa afira. |
The Bible Society of Ghana, 2012