Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Sakaria 10 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔman no ahofadie ne ne nhyira

1 Mommisa AWURADE hɔ osuo bereamporɔberɛ mu! AWURADE ma asraman paepae, na ɔbɛma osuo atɔ pii ama wɔn, na wɔn nyinaa anyinya mfuo mu nnuane.

2 Na abusua honi no kaa ahuhusɛm, na nkɔmhyɛfoɔ no hunuu atorosɛm na wɔyii daeɛ hunu, wɔde adehuhuo kyekyeree onipa werɛ. Ɛno nti ɔman no tu kɔɔ sɛ nnwan, wɔrebrɛ, ɛfiri sɛ ɔhwɛfoɔ biara nni hɔ.

3 Nnwanhwɛfoɔ no na me bo afu wɔn, na saa mpapo no na mɛba abɛtwe wɔn aso. Na asafo AWURADE rebɛhwɛ ne nnwankuo, Yuda fie, na ɔde wɔn bɛyɛ sɛ n’animuonyam pɔnkɔ ɔsa mu.

4 Ɔno mu na ntweaso tiboɔ ne mpɛɛwa ne akodie tadua bɛfiri aba, ɔno mu na ahafoɔ nyinaa bɛbom afiri aba.

5 Na wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔtiatia mmorɔno so dɔteɛ soɔ ɔko mu, na wɔbɛdi ako; ɛfiri sɛ AWURADE ne wɔn na ɛwɔ hɔ, na apɔnkɔsotefoɔ anim bɛgu ase.

6 Na mɛhyɛ Yuda fie aboɔduro, na magye Yosef fie nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛdeɛ mensumm wɔn nguiɛ, na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, na mɛgye wɔn so.

7 Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima, na nsa nti wɔn akoma bɛtɔ wɔn yam, na wɔn mma nso bɛhunu na wɔn ani agye, na wɔn akoma adi AWURADE mu ahurisie.

8 Mɛbɔ hwerɛma mafrɛ wɔn na maboa wɔn ano; na magye wɔn, na wɔbɛdɔ sɛdeɛ wɔdɔreeɛ no.

9 Na mɛdua wɔn aman no mu, na wɔbɛkae me akyirikyiri nsase so, na wɔne wɔn mma bɛnya nkwa na wɔasane aba.

10 Na mɛma wɔasane afiri Misraim asase so aba, na mɛboa wɔn ano afiri Asiria, na mede wɔn aba Gilead ne Lebanon asase so, na wɔrennya kwan mpo mma wɔn.

11 Na ɔbɛfa ahohiahia po no mu, na wabobɔ ɛpo mu asorɔkyeɛ, na Asuo Nil mu mmonhwa nyinaa awewe. Na Asiria ahantan no bɛbrɛ ase, na Misraim poma bɛfiri akɔ.

12 Na mɛhyɛ wɔn den, AWURADE mu, na ne din mu na wɔbɛnanteɛ, AWURADE asɛm nie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan