Sakaria 1 - New Revised Asante Twi BibleAhonu ho kɔkɔbɔ 1 Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn, sɛ: 2 Na AWURADE bo fuu mo agyanom pa ara. 3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monsane mmra me nkyɛn, na mɛsane maba mo nkyɛn, asafo AWURADE na ɔseɛ. 4 Monnyɛ sɛ mo agyanom a kane adiyifoɔ no pae kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monsane mfiri mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ bɔne no ho, nanso wɔante, na me nso, wɔantie me, AWURADE asɛm nie. 5 Mo agyanom no wɔ he? Na adiyifoɔ no, wɔtena hɔ kɔsi daa? 6 Nanso me nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mehyɛɛ me nkoa adiyifoɔ no no, anto mo agyanom anaa? Na wɔsanee na wɔkaa sɛ: Sɛdeɛ asafo AWURADE dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛdeɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛɛ teɛ no, saa na ɔne yɛn adi no. Onyankopɔn dɔ Sion 7 Bosome a ɛtɔ so dubaako a ɛne bosome Sebat da a ɛtɔ so aduonu nnan, Dario afe a ɛtɔ so mmienu mu, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn sɛ: 8 Mehunuu anadwo, na hwɛ, na ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ɔgyina ohwamdua a ɛwɔ bonhwa mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne afufuo gyinagyina n’akyi. Na mebisaa sɛ: Me wura, yeinom yɛ deɛn? 9 Na ɔbɔfoɔ a ɔrekasa akyerɛ me no ka kyerɛɛ me sɛ: Merebɛkyerɛ wo adekodeɛ a yeinom yɛ. 10 Na ɔbarima a ɔgyina ohwamdua no ntam no buaa sɛ: Yeinom na AWURADE asoma wɔn sɛ wɔnkɔkyini asase soɔ. 11 Na wɔbuaa AWURADE bɔfoɔ a ɔgyina ohwamdua no ntam no sɛ: Yɛakyini asase so, na hwɛ, asase nyinaa te hɔ komm dwoodwoo. 12 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no bisaa sɛ: Asafo AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkuro a wo bo afu wɔn mfirinhyia aduɔson nie? 13 Na AWURADE de nsɛm pa ne awerɛkyekyerɛ nsɛm buaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no. 14 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no ka kyerɛɛ me sɛ: Pae ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ninkunu kɛseɛ na matwe no Yerusalem ne Sion ho, 15 na abofuo kɛseɛ na me bo afu amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, ɛfiri sɛ me deɛ, me bo fuu kakraa bi, na wɔn deɛ, wɔboae maa no danee bɔne. 16 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Mede ayamhyehyeɛ madane m’ani akyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wɔbɛsi me fie nso, asafo AWURADE asɛm nie, na wɔbɛtwe susuhoma mu Yerusalem so. 17 Pae mu bio ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nnepa bɛbu so me nkuro mu, na AWURADE bɛkɔ so akyekyere Sion werɛ, na ɔbɛkɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ. Mmɛn nnan ne atomfoɔ baanan ho asɛm 18 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na mmɛn nnan nie. 19 Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no. 20 Na AWURADE kyerɛɛ me atomfoɔ baanan. 21 Na mebisaa sɛ: Ɛdeɛn na yeinom bɛyɛeɛ? Na ɔse: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda peteeɛ na obi amma ne tiri soɔ no, na atomfoɔ baanan no baa wɔn ehuyie, sɛ wɔbɛtutu amanaman a wɔmaa abɛn so tiaa Yuda asase de bɔɔ wɔn peteeɛ no mmɛn. |
The Bible Society of Ghana, 2012