Romafo 15 - New Revised Asante Twi BibleMonsɔ afoforɔ ani, na ɛnyɛ mo ho mmom 1 Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛyɛ na yɛansɔ yɛn ara ani. 2 Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma deɛ ɛyɛ, na n’ase atim. 3 Na Kristo nso ansɔ ne ho ani, na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔn a wɔbɔɔ wo ahohora no ahohora agu me so. 4 Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ. 5 Na boasetɔ ne awerɛkyekyerɛ Nyankopɔn mma monnwene adeɛ korɔ wɔ mo mu, sɛdeɛ Kristo Yesu kwan teɛ no, 6 na mode akoma korɔ ne anokorɔ ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya, animuonyam. Kristo gye Yudafoɔ ne amanaman mufoɔ 7 Enti monnye mo ho mo ho, sɛdeɛ Kristo nso agye yɛn ama Onyankopɔn animuonyam no. 8 Na mese: Kristo ayɛ twetiatwafoɔ somfoɔ de akyerɛ Nyankopɔn nokorɛ sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den; 9 na Nyankopɔn mmɔborɔhunu nti amanaman mufoɔ ahyɛ no animuonyam, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Yei nti mɛkamfo wo amanaman mu, na mato dwom ama wo din. 10 Na ɔkaa bio sɛ: Mo amanaman mufoɔ, mo ne ne man nni ahurisie, 11 Na bio: Mo amanaman mufoɔ nyinaa, monyi Awurade ayɛ, na mo aman ahodoɔ nyinaa nkamfo no! 12 Na bio Yesaia ka sɛ: Yisai nhini ne deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman so bɛba; ɔno na amanaman ani bɛda ne soɔ. 13 Na anidasoɔ Nyankopɔn mfa gyidie mu anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidasoɔ mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu. Deɛ nti a Paulo de nnam retwerɛ krataa 14 Me nuanom, megye to mu wɔ mo ho sɛ mo nso, papayɛ ahyɛ mo ma, na nimdeɛ nyinaa ayɛ mo ma tɔ, na motumi tutu mo ho fo nso; 15 nanso deɛ enti a mede nnam bebrebe metwerɛɛ nsɛm yi bi mebrɛɛ mo ne sɛ, mede rebɛkae mo bio ne adom a Onyankopɔn de adom me, 16 sɛ menyɛ Yesu Kristo somfoɔ amanaman no mu, menkɔyɛ Nyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufoɔ nyɛ afɔdeɛ a ɛyɛ dɛ a wɔate ho Honhom Kronkron mu. 17 Enti mewɔ Kristo Yesu mu ahohoahoa Nyankopɔn fam nnoɔma mu. 18 Na merensi me bo sɛ mɛbɔ biribiara din gye deɛ Kristo nam me so ayɛ ama amanaman mufoɔ setie wɔ asɛm ne adwuma mu, 19 nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie firi Yerusalem ne nkuro a atwa ho ahyia so akɔduru Iliriko. 20 Nso faako a mebɔɔ mmɔden sɛ meka asɛmpa no nyɛ deɛ wɔabɔ Kristo din hɔ pɛn, na manto obi fapem so, 21 na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔn a wɔnkaa wɔn ne ho asɛm no bɛhunu, na wɔn a wɔnteeɛ no bɛte aseɛ. Paulo pɛɛ sɛ ɔkɔ Roma 22 Yei na ɛtaa sii me kwan a enti mantumi amma mo nkyɛn. 23 Na afei, sɛ menni adwuma biara wɔ ha bio, na mfeɛ bebree na me kɔn dɔ sɛ meba mo nkyɛn nti, 24 da biara a mɛtu kwan makɔ Spania no, m’ani da so sɛ, mebɛfa hɔ a, mɛhunu mo anim, na sɛ megye m’ani kakra wɔ mo nkyɛn ansa a, moagya me kwan akɔ hɔ. 25 Na seesei deɛ, merekɔ Yerusalem makɔsom ahotefoɔ no. 26 Na Makedonia ne Akaia de fɛ aboaboa nnoɔma bi ano de rekɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafoɔ. 27 Ɛyɛɛ wɔn fɛ, nanso na wɔde wɔn ka; ɛfiri sɛ amanaman mufoɔ anya wɔn honhom mu nnoɔma no bi a, ɛsɛ wɔn nso sɛ wɔde honam mu nnoɔma bɛsom wɔn bie. 28 Enti menya mewie adeɛ yi yɛ, na mede akyɛdeɛ no mema wɔn a, mɛfa mo nkyɛn makɔ Spania. 29 Na menim sɛ meba mo nkyɛn a, mɛba no Kristo asɛmpa nhyira mayɛ mu. 30 Nanso, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne Honhom dɔ so mesrɛ mo sɛ monko me abia wɔ mpaeɛ a mobɔ Onyankopɔn ma me no mu, 31 na wɔabɛyi me afiri asoɔdenfoɔ a wɔwɔ Yudea no nsam, na me som a merekɔsom Yerusalem no ayɛ ahotefoɔ no fɛ, 32 na menam Nyankopɔn pɛ so maba mo nkyɛn anigyeɛ mu, na me ne mo abɛdwodwo yɛn ho. 33 Asomdwoeɛ Nyankopɔn ne mo nyinaa ntena. Amen. |
The Bible Society of Ghana, 2012