Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Ɔsɛnkafo 12 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na kae wo Bɔfoɔ wo mmeranteberɛ mu ansa na nna bɔne no aba, na mfeɛ a wobɛka sɛ: Menni ho anigyeɛ, no adu;

2 ansa na owia ne hann ne ɔsrane ne nsoromma aduru sum, na osuo nya tɔ a, asane amuna,

3 ɛda a efie awɛmfoɔ ho bɛpopoɔ, na mmarima ahoɔdenfoɔ no mu akonton, na ayuyamfoɔ agyaeɛ, sɛ wɔasua nti, na wɔn a wɔhwɛ mpomma mu ani so ayɛ wɔn kusuu;

4 na wɔatoto borɔno so apono mu, na ayuyameeɛ gyegyeegye ano abrɛ ase, na wasɔre anomaa su ano, na nnwontofoɔ nyinaa nne asi ase.

5 Nso wɔasuro deɛ ɛkorɔn, na ehu aba kwan mu, na sorɔno bɛgu nhyerɛne, na abɛbɛ ayɛ adesoa, na akɔnnɔ to atwa, ɛfiri sɛ onipa rekɔ ne daa fie, na ayiyɛfoɔ rekyini mmorɔno so;

6 ansa na dwetɛ homa no ate, na sika toa no apae, na ahina no abɔ asuo ho, na asubura ho nkyimiiɛ abubu,

7 na dɔteɛ asane akɔ asase mu sɛdeɛ ɛteɛ kane no, na honhom asane akɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.

8 Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ, Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ.


Asɛm no awieeɛ ne Nyankopɔn suro

9 Nanso deɛ ɛka ho a Ɔsɛnkafoɔ no yɛ mu nyansafoɔ no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na ɔpeepee mu, na ɔbubuu mmɛ bebree.

10 Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛhunu nsɛm a ɛyɛ dɛ, na deɛ wɔatwerɛ no ne tenenee ne nokorɛ nsɛm.

11 Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea ne nnadewa a nhyiam mu akunini de ama a ɔhwɛfoɔ baako na ɔde maeɛ.

12 Na deɛ aka yeinom akyire no nso, me ba, fa to w’adwene mu. Nwoma bebree yɛ nni awieeɛ, na adesua dodoɔ pii mu wɔ ɔhaw.

13 Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na yei ne nnipa nyinaa asɛdeɛ.

14 Na nneyɛɛ nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmuo mu, na deɛ ahunta nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu ho atɛn.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan