Ɔsɛnkafo 11 - New Revised Asante Twi BibleGu w’aba ntɛm 1 To wo paanoo gu nsuo ani, na daakye bi wo nsa bɛka. 2 Kyɛ mu ma nnipa baason anaasɛ baawɔtwe mpo, na wonnim bɔne ko a ɛbɛba asase soɔ. 3 Sɛ osuo yɛ mununkum ma a, ɛtɔ gu asase so; na sɛ dua kɔhwe anafoɔ fam anaa atifi fam a, faako a dua no hweɛ no, ɛhɔ na ɛbɛda. 4 Deɛ ɔhwɛ mframa no rengu aba, na deɛ ɔhwɛ mununkum no rentwa. 5 Sɛdeɛ wonnim mframa kwan ne sɛdeɛ nnompe nyini onyinsɛnfoɔ yam no, saa ara na wonnim Nyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛɛ. 6 Gu w’aba anɔpa, na anwummerɛ nso nyi wo nsa mfiri ho; na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, yei anaa yei, anaasɛ ne mmienu nyinaa bɛbom ayɛ yie. 7 Nso hann yɛ dɛ, na ɛyɛ aniwa fɛ sɛ ɛhunu owia. 8 Na sɛ onipa di mfeɛ pii a, ɔmma n’ani nnye ne nyinaa mu, na ɔnkae esum nna no, sɛ ɛbɛdɔɔso; deɛ ɛbɛba nyinaa yɛ ahuhudeɛ. Mmeranteberɛ mu anigyeɛ 9 Aberanteɛ, ma w’ani nnye wo mmɔfraase, na nya akoma pa wo mmeranteberɛ mu, na fa w’akoma akwan so ne deɛ w’ani hunu mu, nso hunu sɛ yeinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmuo mu. 10 Na yi awerɛhoɔ firi w’akoma mu, na ma adebɔne mpare wo honam, na mmɔfraase ne mmeranteberɛ yɛ ahuhudeɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012