Ɔsɛnkafo 1 - New Revised Asante Twi BibleWiase adeɛ nyinaa yɛ adeɛ huhuo 1 Dawid ba Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene a ɔwɔ Yerusalem no nsɛm nie. 2 Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Ɔsɛnkafoɔ na ɔseɛ; ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Adeɛ nyinaa yɛ huhuo. 3 Mfasoɔ bɛn na onipa nya ne brɛ a ɔbrɛ owia yi ase nyinaa mu? 4 Awoɔ ntoatoasoɔ kɔ, na awoɔ ntoatoasoɔ ba, na asase deɛ, ɛtim hɔ daa. 5 Owia pue, na owia kɔtɔ, na ɛyɛ ntɛm kɔ n’afa a ɛfiri pue hɔ. 6 Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam, na ɛdane ba atifi fam; ɛde ntwareho kɔ, na ne ntwareho no so na mframa no nam sane ba. 7 Nsubɔntene nyinaa sene kɔ po mu, nanso ɛpo nyɛ ma ara da. Faako a nsubɔntene no nenam korɔ no, ɛhɔ ara na ɛsane kɔ bio. 8 Abrabɔ nyinaa mu yɛ ɔbrɛ nko ara; obiara ntumi nka; adehwɛ mmee aniwa, na asɛnteɛ nso nyɛ aso ma ara da. 9 Adeɛ biara a ɛwɔ hɔ no bɛkɔ so ara awɔ hɔ. Na biribiara a ayɛ no, ɛbɛkɔ so ara ayɛ; na adeɛ foforɔ biara nni hɔ owia yi ase. 10 Asɛm bi wɔ hɔ a wɔka no sɛ: Hwɛ, yei yɛ foforɔ anaa? Tete nteredee berɛ a adi yɛn anim no so na ɛbaeɛ. 11 Nkaeɛ biara nni hɔ mma kane nnoɔma no, na daakye nnoɔma a ɛbɛba no nso rennya nkaeɛ biara, deɛ ɛbɛdi akyire aba no nkyɛn. 12 Me ɔsɛnkafoɔ, madi Israel so hene Yerusalem; 13 Mede m’akoma mama sɛ mede nyansa bɛbisa na mahwehwɛ nnoɔma a wɔyɛ no ɔsoro ase nyinaa mu, ɔhaw bɔne a Onyankopɔn de ato adasamma soɔ sɛ wɔmmfa mu no. 14 Mehunuu nnwuma a wɔyɛ no owia yi ase nyinaa, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu. 15 Deɛ akyea no, wɔntumi ntene, na deɛ ate aka mu no, wɔntumi nkan. 16 Me ne m’akoma kasaa sɛ: Me deɛ, hwɛ, mama me nyansa aso ayɛ bebree sene wɔn a wɔdii m’anim Yerusalem nyinaa, na m’akoma ahunu nyansa ne nimdeɛ a ɛdɔɔso. 17 Na mede m’akoma nyinaa hwehwɛɛ sɛ mɛhunu nyansa, na mahunu adammɔ ne nkwaseasɛm, nanso mahunu sɛ yei nso yɛ dadwene hunu. 18 Na nyansa dodoɔ mu wɔ ɔhaw dodoɔ, na deɛ ɔtia nimdeɛ no ti awerɛhoɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012