Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom mu dwom 3 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔdɔfoɔ no nokorɛdie

1 Me mpa so, ɔdasuo mu na mehwehwɛɛ deɛ me kra dɔ no no, mehwehwɛɛ no, nanso manhu no. Mefrɛɛ no, nanso wamma mmuaeɛ biara.

2 Yei deɛ, mɛsɔre makyini kuro mu, mmɔntene so ne dwamu. Mɛhwehwɛ deɛ me kra dɔ no no. Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

3 Awɛmfoɔ a wɔkyini kuro mu bɛtoo me: Deɛ me kra dɔ no no, mohunuu no anaa?

4 Mesianee wɔn ho kakra ara pɛ no, ɛnna mehunuu deɛ me kra dɔ no no. Mesɔɔ ne mu na mannyaa ne mu kɔsii sɛ mede no mebaa me na fie ne deɛ ɔwoo me no pia mu.

5 Meka mo ntam, Yerusalem mmammaa, atwewa ne petee mu aforotebereɛ ho ntam, sɛ monnnyane na monnhwanyane ɔdɔ kɔsi berɛ a ɔno ara pɛ.

6 Hwan ne oyi a ɔforo firi ɛserɛ so ba sɛ wisie a ɛsɔre tee, kurobo ne ohwamfufuo ne odwadini nnuhwam nyinaa apunu no yi?

7 Hwɛ, Salomo apakan no! Nnɔmmarima aduosia atwa ho ahyia, wɔfiri Israel nnɔmmarima mu.

8 Wɔn nyinaa kurakura mfena, wɔakwadare akodie mu, wɔn mfena bobɔ wɔn asene, anadwo bumbɔ nti.

9 Ɔhene Salomo de Lebanon nnua yɛɛ apakan fɛfɛɛfɛ fae.

10 Ɔyɛɛ n’adum dwetɛ, ne ntweremu sika, n’adwa yɛ ntoma a ɛberedum, emu nso, Yerusalem mmammaa de ɔdɔ adura mu.

11 O Sion mmammaa, momfiri adi mmɛhwɛ Ɔhene Salomo, abotire a ne na de bɔɔ no, ne yere hyia da ne n’akoma anigyeɛ da no.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan