Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom mu dwom 2 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔdɔfoɔ ho anigyina

1 Me deɛ, meyɛ Saron nhwiren, ne mmonhwa mu sukooko.

2 Me dɔfoɔ wɔ mmammaa mu sɛ nkasɛɛ ntam sukooko.

3 Me dɔfoɔ da mmeranteɛ ntam sɛ aprɛ a ɛwɔ kwaeɛ mu nnua ntam, mede anigyeɛ kɛseɛ tenaa ne nwunu ase, na n’aba yɛ me dodom dɛ.

4 Ɔde me aba apontoɔ dan mu, na ne frankaa a ɛsi me soɔ ne ɔdɔ.

5 Momfa bobe aba taterɛ nwowa me, momfa aprɛ aba nnwodwo me, ɛfiri sɛ ɔdɔ abɔ me yareɛ.

6 O, sɛ ne nsa benkum hyɛ me tiri ase, na anka ne nsa nifa yɛ me atuu.

7 Meka no ntam, Yerusalem mmammaa, atwewa ne petee mu aforotebereɛ ho ntam, sɛ monnnyane na monnhwanyane ɔdɔ kɔsi berɛ a ɔno ara pɛ.

8 Me dɔfoɔ nne nie! Hwɛ, ɔreba! Ɔhuri tratra mmepɔ, ɔte nkokoɔ so pentenkwa.

9 Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteburuwa. Hwɛ sɛ ɔgyina yɛn fasuo akyire, ɔhwɛ mpomma mu no mu haa, ɔhwɛ ntokuro a ɛdeda nnadeɛ a ɛsisi mpomma no mu.

10 Me dɔfoɔ kasa se me sɛ: Sɔre ɛ, me dɔfoɔ, m’ahoɔfɛ, na bra ɛ!

11 Na hwɛ, awɔberɛ atwam, asusɔ agyae na ɛkɔ koraa.

12 Nhwiren yi ne ho adi asase so, dwontoɔ berɛ adu, na wɔte anyankuku nka yɛn asase so.

13 Borɔdɔma ama n’abunabunu regyegye, na obobe nnuabaforɔ reyi ne hwa. Sɔre, me dɔfoɔ, m’ahoɔfɛ, na bra ɛ!

14 M’aburuburo a wowɔ ɔbotan tokuro mu ne sorɔnsorɔmmea ahuntaeɛ, ma menhunu w’anim, ma mente wo nne, na wo nne yɛ dɛ, na w’anim yɛ fɛ.

15 Monkyere nsakraman mma yɛn, nsakraman nketewa a wɔsɛe bobe nturo no, na yɛn bobe asoso nnuabaforɔ.

16 Me dɔfoɔ wɔ me, na me nso mewɔ no, ɔno a ɔyɛne ne nnwan sukooko mu.

17 Dane wo ho, me dɔfoɔ, na yɛ sɛ ɔtwe anaa ɔforoteburuwa, mpaepaemu mmepɔ so, kɔsi sɛ enwunu bɛdwoɔ na sunsum ayerayera.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan