Nnwom 99 - New Revised Asante Twi BibleOnyankopɔn kronkron ho ayeyie 1 AWURADE di hene, aman ho popo; ɔte Kerubim so, asase him. 2 AWURADE yɛ kɛseɛ wɔ Sion, na wɔama no so aman nyinaa so. 3 Wɔbɛyi ne din kɛseɛ a ɛho yɛ hu no ayɛ, ɔno na ɔyɛ kronkron. 4 Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo, wo na wobu atɛntenenee, Yakob mu atemmuo ne tenenee, wo na wobuo. 5 Momma AWURADE yɛn Nyankopɔn so, na monkoto nsɔre ne nan ase adwa anim. Ɔno na ɔyɛ kronkron. 6 Mose ne Aaron wɔ n’asɔfoɔ mu, na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu, wɔfrɛɛ AWURADE, na ɔgyee wɔn so. 7 Ɔkasa kyerɛɛ wɔn mununkum dum mu, wɔdii n’adansesɛm ne ahyɛdeɛ a ɔde maa wɔn no so. 8 AWURADE, yɛn Nyankopɔn, wo na wogyee wɔn soɔ, woyɛɛ wɔn Onyankopɔn a ɔde kyɛ, ne wɔn nneyɛɛ so weretɔfoɔ. 9 Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so, na monkoto nsɔre wɔ ne bepɔ kronkron so, na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron. |
The Bible Society of Ghana, 2012