Nnwom 98 - New Revised Asante Twi BibleAWURADE reba Dwom. 1 Monto dwom foforɔ mma AWURADE, na wayɛ anwanwadeɛ, ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no. 2 AWURADE ama wɔahunu ne nkwagyeɛ, wayi ne tenenee adi, amanaman anim. 3 Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ama Israel fie, asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ. 4 Nsase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE, monteam nni ahurisie nto ayeyie dwom. 5 Monto dwom mma AWURADE sankuo so, sankuo ne dwontoɔ nne so. 6 Momfa totorobɛnto ne mmɛn nne mmɔ ose, Ɔhene AWURADE anim. 7 Ma ɛpo ne ne mayɛ nworo, wiase ne wɔn a wɔte mu. 8 Ma asuo akɛseɛ mmobɔ nsam, mmepɔ mmom nni ahurisie, 9 AWURADE anim, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔbɛbu wiase atɛn, tenenee mu, ne aman wɔ atɛntenenee mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012