Nnwom 96 - New Revised Asante Twi BibleAsase nyinaa so wura no ayeyie ( 1 Berɛsosɛm 16.23-33 ) 1 Monto dwom foforɔ mma AWURADE, asase nyinaa, monto dwom mma AWURADE. 2 Monto dwom mma AWURADE, monhyira ne din, monka ne nkwagyeɛ mfiri da nkɔ da mu. 3 Monka n’animuonyam, amanaman mu, n’anwanwadeɛ, aman nyinaa mu. 4 Na AWURADE yɛ kɛseɛ, na ɔsɛ ayeyie sɛ, ne ho yɛ hu, anyame nyinaa so, 5 na aman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuo, na AWURADE mmom na ɔyɛɛ ɔsoro. 6 Ɔhran ne animuonyam wɔ n’anim, tumi ne ahoɔfɛ wɔ ne kronkronbea hɔ. 7 Aman mmusuakuo, momfa mma AWURADE, momfa animuonyam ne tumi mma AWURADE. 8 Momfa AWURADE din animuonyam mma no, monsoa ayɛyɛdeɛ mmra n’abannwa so. 9 Monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu, asase nyinaa, mo ho mpopo n’anim. 10 Monka amanaman mu sɛ, AWURADE di hene, na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim, na ɔbɛdi aman so, tenenee mu. 11 Ma ɔsoro ani nnye na asase ho nsane no, ma ɛpo ne ne mayɛ nworo. 12 Ma petee mu ne deɛ ɛwom nyinaa nni ahurisie, ɛno na kwaeɛ mu nnua nyinaa bɛto anigyeɛ nnwom, 13 wɔ AWURADE anim, na ɔreba, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔrebɛbu wiase atɛn tenenee mu, ne aman wɔ ne nokorɛ mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012