Nnwom 95 - New Revised Asante Twi BibleMomma yɛnsɔre AWURADE 1 Mommra mma yɛnto anigyeɛ dwom mma AWURADE, momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ botan. 2 Momma yɛmfa aseda mmra n’anim, na yɛmfa nnwom nni ahurisie mma no. 3 Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛseɛ ne ɔhenkɛseɛ, anyame nyinaa so. 4 Ne nsam na asase mu ahuntadeɛ wɔ, na mmepɔ so srɔnsrɔn nso wɔ no. 5 Ɔno na ɛpo wɔ no, na ɔno na ɔyɛeɛ, na asase pɛsɛɛ nso, ne nsa na ɛnwonoeɛ. 6 Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim. 7 Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn, na yɛn deɛ, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ ne ne nsam nnwan. Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ! 8 Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba, sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ, 9 berɛ a mo agyanom gyegyee m’ano, na wɔsɔɔ me hwɛeɛ no, nanso na wɔanya me nnwuma nhunui. 10 Mfeɛ aduanan na awoɔ ntoatoasoɔ no ho yɛɛ me ahi, na mekaa sɛ: Ɔman a wɔfom akoma mu ne wɔn. Na wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan. 11 Na ɛmaa mekaa m’abufuo mu ntam, sɛ wɔrennuru me home mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012